Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Berɛsosɛm 27 - New Revised Asante Twi Bible


Asafohene dummienu no

1 Na Israel mma a wɔabu wɔn ano agyanom atitire, ne mpem mpem ne ɔha ha so asafohene, ne wɔn ahwɛfoɔ a wɔsom ɔhene akuo akuo ahodoɔ no nsɛm nyinaa mu, wɔn a wɔba ne wɔn a wɔfiri adi bosome biara, afe mu abosome nyinaa mu nkyekyɛmu mmaako mmaako no yɛ nnipa mpemaduonu nnan.

2 Bosome a ɛdi kan mu kuo a ɛdi kan no so na Yasobeam Sabdiel ba die, na ne nkyekyɛmu no mu nnipa yɛ mpemaduonu nnan.

3 Ɔfiri Peres mma mu na ɔdi dɔm asafohene nyinaa so, bosome a ɛdi kan no mu.

4 Na bosome a ɛtɔ so mmienu no kuo so na Ahohini Dodai die, na ne kuo so bapɔmma ne Miklot; na ne kuo no mu nnipa yɛ mpemaduonu nnan.

5 Bosome a ɛtɔ so mmiɛnsa no dɔm so safohene a ɔtɔ so mmiɛnsa ne Ɔsɔfoɔ Yehoiada ba Benaia, ɔyɛ panin, na ne kuo no mu nnipa yɛ mpemaduonu nnan.

6 Ɔno Benaia ne aduasa no mu dɔmmarima a ɔdi aduasa no soɔ, na ne ba Amisabad fra ne kuo mu.

7 Deɛ ɔtɔ so nnan, bosome a ɛtɔ so nnan mu, ne Yoab ne nua Asahel, na ne ba Sebadia wɔ n’akyi, na ne kuo no mu nnipa yɛ mpemaduonu nnan.

8 Deɛ ɔtɔ so nnum bosome a ɛtɔ so nnum mu ne ɔsafohene Yisrahini Samhut, na ne nkyekyɛmu mu nnipa yɛ mpemaduonu nnan.

9 Deɛ ɔtɔ so nsia bosome a ɛtɔ so nsia mu, ne Tekoani Ikes ba Ira, na ne kuo mu nnipa yɛ mpemaduonu nnan.

10 Deɛ ɔtɔ so nson, bosome a ɛtɔ so nson, mu ne Pelonni Heles a ɔfiri Efraim mma mu, na ne kuo mu nnipa yɛ mpemaduonu nnan.

11 Deɛ ɔtɔ so nwɔtwe, bosome a ɛtɔ so nwɔtwe mu, ne Husani Sibekai a ɔfiri Serafoɔ mu, na ne kuo mu nnipa yɛ mpemaduonu nnan.

12 Deɛ ɔtɔ so nkron, bosome a ɛtɔ so nkron mu, ne Anatotni Abieser a ɔfiri Benyaminfoɔ mu, na ne kuo mu nnipa yɛ mpemaduonu nnan.

13 Deɛ ɔtɔ so du, bosome a ɛtɔ so du mu, ne Netofani Maharai a ɔfiri Serafoɔ mu, na ne kuo mu nnipa yɛ mpemaduonu nnan.

14 Deɛ ɔtɔ so dubaako, bosome a ɛtɔ so dubaako mu, ne Piratonni Benaia a ɔfiri Efraim mma mu, na ne kuo mu nnipa yɛ mpemaduonu nnan.

15 Deɛ ɔtɔ so dummienu, bosome a ɛtɔ so dummienu mu, ne Netofani Heldai a ɔyɛ Otniel aseni, na ne kuo mu nnipa yɛ mpemaduonu nnan.


Mmapɔmma no

16 Na wɔn a wɔdi Israel mmusuakuo no soɔ nie: Rubenfoɔ bapɔmma ne Sikri ba Eliesa; Simeonfoɔ mu: Maaka ba Sefatia;

17 Lewifoɔ mu: Kemuel ba Hasabia; Aaron asefoɔ mu: Sadok;

18 Yuda mu: Elihu a ɔfiri Dawid nuanom mu; Isakar mu: Mikael ba Omri;

19 Sebulon mu: Obadia ba Yismaia; Naftali mu: Asriel ba Yerimot;

20 Efraim mma mu: Asasia ba Hosea; Manase abusuakuo fa mu: Pedaia ba Yoel;

21 Manase abusuakuo fa a ɛwɔ Gilead no mu: Sakaria ba Ido; Benyamin mu: Abner ba Yaasiel;

22 Dan mu: Yeroham ba Asarel. Yeinom ne Israel mmusuakuo so asafohene.

23 Na Dawid ammu wɔn a wɔnnii mfirinhyia aduonu, ɛfiri sɛ AWURADE aka sɛ ɔbɛma Israel adɔɔso sɛ ɔsoro nsoromma.

24 Seruia ba Yoab firi aseɛ kanee, na wanwie. Na yei nti abufuo baa Israel so, na dodoɔ no, wɔantwerɛ no Ɔhene Dawid berɛsosɛm nwoma no mu.


Dawid nhenkwaa ne ne mpanimfoɔ

25 Na ɔhene akoradeɛ no so na Adiel ba Asmawet ɔhwɛ, na akoradeɛ a ɛwɔ asase no soɔ, nkuro ne nkurowa ne abantenten mu no so na Usia ba Yonatan hwɛ.

26 Na wɔn a wɔyɛ mfuo mu adwuma dɔ asase no so na Kelub ba Esri die.

27 Na bobe nturo so na Ramatni Simei die, na bobe nturo no mu akoransa no so na Sifimni Sabdi die.

28 Na ngo nnua ne akyee a ɛwɔ mpaperɛ soɔ no so na Gederni Baal-hanan die. Na ngo akoradeɛ no so na Yoas die.

29 Na anantwie a wɔyɛne wɔn Saron no so na Saronni Sitrai die, na mmonhwa no mu anantwie so na Adlai ba Safat die.

30 Na yoma so na Ismaelni Obil hwɛ, na mfunumu so na Meronotni Yehedia hwɛ.

31 Na nnwan so na Hagarni Yasis hwɛ. Yeinom nyinaa yɛ Ɔhene Dawid nnoɔma so ahwɛfoɔ.

32 Na Dawid n’agya nua Yonatan ne ɔfotufoɔ, ɔyɛ ɔbarima nhunumufoɔ, na ɔyɛ ɔtwerɛfoɔ nso. Ɔno ne Hakmoni ba Yehiel na ɔtetee ɔhene mma no.

33 Na Ahitofel ne ɔhene fotufoɔ, na Arkini Husai ne ɔhene adamfo.

34 Na Ahitofel akyi na Benaia ba Yehoiada ne Abiatar diiɛ. Na ɔhene no sahene ne Yoab.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan