1 Berɛsosɛm 24 - New Revised Asante Twi BibleAsɔfokuo ahodoɔ aduonu nnan no 1 Na Aaron mma no deɛ, wɔn mu nkyekyɛmu nie: Aaron mma ne: Nadab ne Abihu, Eleasa ne Itamar. 2 Na Nadab ne Abihu dii wɔn agya anim wuwui a wɔnni mma. Na Eleasa ne Itamar bɛdii asɔfoɔ. 3 Na Dawid buu wɔn mu: Sadok a ɔfiri Eleasa mma mu, ne Ahimelek a ɔfiri Itamar mma mu, sɛdeɛ wɔn adwumayɛ dibea teɛ wɔ wɔn som no mu. 4 Na wɔhunuu Eleasa mma mu mmarima no mu atitire bebree sene Itamar mma mu, na wɔbuu wɔn mu: Eleasa mma nyaa mpanimfie atitire dunsia, na Itamar mma, wɔn mpanimfie so, nwɔtwe. 5 Na wɔtoo wɔn so ntonto tetee wɔn mu, yeinom ne yeinom, na kronkronbea mmapɔmma ne Nyankopɔn mmapɔmma no firi Eleasa mma ne Itamar mma mu. 6 Na Netanel ba Ɔtwerɛfoɔ Semaia a ɔfiri Lewifoɔ mu no twerɛɛ ne nyinaa wɔ ɔhene ne mmapɔmma ne Ɔsɔfoɔ Sadok ne Abiatar ba Ahimelek ne asɔfoɔ no ne Lewifoɔ agyanom mu atitire no anim, wɔyii agya fie baako maa Eleasa ansa na wɔreyi baako nso ama Itamar. 7 Na ntonto no bɔɔ Yehoiarib kane. Deɛ ɔtɔ so mmienu yɛɛ Yedaia deɛ, 8 Harim deɛ tɔɔ so mmiɛnsa, Seorim deɛ, nnan, 9 Malkia deɛ, nnum, Miyamin deɛ, nsia. 10 Hakos deɛ, nson, Abia deɛ, nwɔtwe, 11 Yesua deɛ, nkron, Sekania deɛ, edu, 12 Eliasib deɛ, dubaako, Yakim deɛ, dummienu, 13 Hupa deɛ, dummiɛnsa, Yesebeab deɛ, dunan, 14 Bilga deɛ, dunum, Imer deɛ, dunsia, 15 Hesir deɛ, dunson, Hapises deɛ, dunwɔtwe, 16 Petahia deɛ, dunkron, Yeheskel deɛ, aduonu, 17 Yakin deɛ, aduonu baako, Gamul deɛ, aduonu mmienu, 18 Delaia deɛ, aduonu mmiɛnsa, Maasia deɛ, aduonu nnan. 19 Yei ne wɔn adwumayɛ dibea, sɛdeɛ wɔn som no teɛ, sɛ wɔnhyɛne AWURADE fie sɛ wɔn atorɔmudeɛ a ɛnam wɔn agya Aaron so baeɛ no, sɛdeɛ AWURADE Israel Nyankopɔn hyɛɛ no no. Lewi mma mu atitire 20 Na Lewi mma a aka no deɛ: Amram mma mu: Subael; Subael mma mu: Yehdeia. 21 Rehabia deɛ, Rehabia mma mu: Yisia ne panin. 22 Yisharfoɔ mu: Selomot. Selomot mma mu: Yahat. 23 Na Hebron mma ne: Yeria, otitire Amaria di hɔ, Yahasiel tɔ so mmiɛnsa, Yekameam tɔ so nnan. 24 Usiel mma: Mika. Mika mma mu: Samir. 25 Mika nua Yisia. Yisia mma mu: Sakaria. 26 Merari mma ne: Mahli ne Musi; ne ba Yaasia mma: Beno. 27 Merari mma a wɔyɛ ne ba Yaasia deɛ ne: Beno, Soham, Sakur ne Ibri. 28 Mahli deɛ: Eleasa, na ɔno deɛ, ɔnni mma. 29 Kis deɛ, Kis mma: Yerahmeel. 30 Na Musi mma ne: Mahli, Eder ne Yerimot. Yeinom ne Lewifoɔ mma sɛdeɛ wɔn mpanimfie teɛ. 31 Na yeinom nso twee ntonto sɛ wɔn nuanom Aaron mma no ara, Ɔhene Dawid, Sadok, Ahimelek, asɔfoɔ ne Lewifoɔ agyanom atitire no anim, agyanom mu atitire, sɛ ne nua kumaa ara. |
The Bible Society of Ghana, 2012