Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Berɛsosɛm 23 - New Revised Asante Twi Bible


Lewifoɔ som ho nhyehyɛɛ

1 Na Dawid bɔɔ akora pa ara no, ɔde ne ba Salomo sii Israel so hene.

2 Na Dawid boaa Israel mmapɔmma nyinaa ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ no ano hyiae.

3 Na wɔkan Lewifoɔ no, nnipa a wɔadi mfirinhyia aduasa ne akyire no, na wɔn dodoɔ yɛ mpemaduasa nwɔtwe.

4 Yeinom mu mpemaduonu nnan na wɔnhwɛ AWURADE fie adwuma no soɔ, na mpemnsia nyɛ atwerɛfoɔ ne atemmufoɔ,

5 na mpemnan nyɛ apono ano ahwɛfoɔ, na mpemnan nso mfa nnoɔma a meyɛ memaa ayeyie no nyi AWURADE ayɛ.

6 Na Dawid kyekyɛɛ wɔn mu sɛdeɛ Lewi mma no teɛ: Gerson, Kohat ne Merari.

7 Gersonfoɔ ne: Ladan ne Simei.

8 Ladan mma ne: Otitire Yehiel ne Setam ne Yoel, wɔyɛ baasa.

9 Simei mma ne: Selomot ne Hasiel ne Haran, wɔyɛ baasa. Yeinom ne Ladan agyanom atitire.

10 Na Simei mma ne: Yahat, Sisa, Yeus ne Beria. Yeinom ne Simei mma, wɔyɛ baanan.

11 Na Yahat ne panin, na Sisa di hɔ, na Yeus ne Beria nni mma pii nti, wɔyɛɛ ɔkan mu agya fie baako.

12 Kohat mma ne: Amram, Yishar, Hebron ne Usiel, wɔyɛ baanan.

13 Amram mma ne: Aaron ne Mose. Na wɔyii Aaron sɛ ɔmmɛyɛ ade kronkronkron no ho adeɛ, ɔno ne ne mma nkɔsi daa; sɛ wɔnhye aduhwam AWURADE anim, na wɔnsom, na wɔmfa ne din nhyira nkɔsi daa.

14 Na wɔbɔɔ Nyankopɔn nipa Mose mma din fraa Lewi abusuakuo no mu.

15 Mose mma ne: Gersom ne Eliesa.

16 Gersom mma: Sebuel, otitire no.

17 Na Eliesa mma: Rehabia, otitire no. Na Eliesa nni mma foforɔ, na Rehabia mma deɛ, na wɔdɔɔso pii.

18 Yishar mma: Selomit ne panin.

19 Hebron mma: Yeria ne panin, Amaria di hɔ, Yahasiel tɔ so mmiɛnsa, Yekameam tɔ so nnan.

20 Usiel mma: Mika ne panin, na Yisia di hɔ.

21 Merari mma ne: Mahli ne Musi. Mahli mma ne: Eleasa ne Kis.

22 Na Eleasa wui, na ɔnni mmammarima, mmammaa nko ara na na ɔwɔ. Na wɔn nuanom Kis mma waree wɔn.

23 Musi mma ne: Mahli, Eder ne Yeremot, wɔyɛ baasa.

24 Yeinom ne Lewi mma, sɛdeɛ wɔn mpanimfie teɛ, agyanom mu atitire, sɛ wɔkan wɔn mmaako mmaako sɛdeɛ wɔn din dodoɔ teɛ, a wɔyɛ AWURADE fie som adwuma no, wɔn a wɔadi mfirinhyia aduonu ne akyire.

25 Na Dawid kaa sɛ: AWURADE, Israel Nyankopɔn ama me man ho adwo wɔn, na ɔte Yerusalem daa.

26 Na Lewifoɔ no nso ansoa ntomadan no ne ne som ho nnoɔma no biara bio,

27 ɛfiri sɛ Dawid nsɛm a ɛdi akyire no mu no, wɔkan Lewi mma no dodoɔ de firi deɛ wadi mfirinhyia aduonu soɔ de rekorɔ.

28 Na wɔn adwuma ne sɛ wɔhwɛ Aaron mma no nsa ano, sɛ wɔnsom AWURADE fie n’abannwa so ne mpia no mu, na wɔmma akronkronneɛ no nyinaa ho mfi, na wɔnyɛ Nyankopɔn fie som adwuma,

29 na wɔnyɛ kyerɛ paanoo ne esiam, aduane afɔdeɛ ne apiti taterɛ ne dadeɛ ayowa ne akyeduane ho adeɛ, na wɔnhwɛ ɔhyɛ adeɛ ne susuo adeɛ nyinaa so.

30 Na wɔnnyina hɔ daa anɔpa nna ase, nyi AWURADE ayɛ, na anwummerɛ nso, saa ara,

31 na wɔmmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ nyinaa mma AWURADE, homeda ne bosome foforɔ ne afahyɛ mu, ne dodoɔ mu sɛdeɛ n’atorɔmuadeɛ teɛ daa, AWURADE anim,

32 na wɔnyɛ ahyiaeɛ ntomadan no ho som adwuma, ne kronkronbea som adwuma ne wɔn nuanom Aaron mma som adwuma no, mfa nsom AWURADE fie.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan