1 Berɛsosɛm 20 - New Revised Asante Twi BibleDawid ko fa Raba ( 2 Samuel 12.26-31 ) 1 Na afe no asusɔ, ɛberɛ a ahemfo tu sa mu no, Yoab de dɔm no nyinaa kɔ kɔsɛee Amonfoɔ asase, na ɔkɔkaa Raba hyɛɛ mu. Na Dawid deɛ, ɔtenaa Yerusalem. Na Yoab bɔɔ Raba na ɔbubui. 2 Na Dawid yii wɔn hene abotire firii ne ti, na ɔhunuu sɛ ne duruduro yɛ sika dwetikɛseɛ, na aboɔden aboɔ wɔ mu; na wɔde hyɛɛ Dawid ti. Na ɔde kuro no mu asadeɛ bebree pa firi bae. 3 Na ɔde ɔman a wɔwɔ mu no firi bae, na ɔmaa wɔde awan ne fatudadeɛ ne dadeɛ mmonnua yɛɛ adwuma. Na saa na ɔde yɛɛ Amonfoɔ nkuro nyinaa. Ɛnna Dawid ne ne man nyinaa sane baa Yerusalem. Wɔdi Filistifoɔ so nkonim mprɛnsa ( 2 Samuel 21.15-22 ) 4 Na yei akyiri no, ɔko sɔree wɔ Geser, wɔne Filistifoɔ. Ɛno mu na Husani Sibekai kumm Sipai a ɔfiri abrane mma mu. Na wɔbrɛɛ wɔn ase. 5 Na wɔne Filistifoɔ nyaa ɔko bio, na Yair ba Elhanan kumm Gatni Goliat nua Lahmi, a ne pea dua te sɛ ntomanwomfoɔ nsadua. 6 Na wɔnyaa ɔko bio wɔ Gat. Na ɔbarima tentene bi wɔ hɔ a ne nsateaa ne ne nansoaa yɛ nsia nsia, ɛyɛ aduonu nnan, na ɔno nso yɛ abrane no asefoɔ no bi. 7 Na ɔtwitwaa Israel mpoa no, Yonatan a ɔyɛ Dawid nua Sima ba kumm no. 8 Yeinom na wɔwoo wɔn maa abrane no wɔ Gat, na wɔtotɔɔ Dawid ne ne nkoa nsa ano. |
The Bible Society of Ghana, 2012