Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Berɛsosɛm 16 - New Revised Asante Twi Bible


Dawid aseda ne ayeyie dwom

1 Na wɔde Nyankopɔn adaka no baa mu, de bɛsii ntomadan a Dawid asi ama no no mu, na wɔbobɔɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ Nyankopɔn anim.

2 Na Dawid wiee ɔhyeɛ afɔdeɛ ne asomdwoeɛ afɔdeɛ no bɔ no, ɔde AWURADE din hyiraa ɔman no.

3 Na ɔkyekyɛɛ Israelfoɔ nyinaa, mmarima ne mmaa, obiara, paanoo mua ne nankum ne bobe aba taterɛ.

4 Na ɔyeyɛɛ Lewifoɔ no mu bi asomfoɔ wɔ AWURADE adaka no anim, sɛ wɔnkamfo AWURADE Israel Nyankopɔn nna no ase nyi no ayɛ.

5 Asaf ne panin, na Sakaria di hɔ, Yeiel ne Semiramot ne Yehiel ne Matitia ne Eliab ne Benaia ne Obed-Edom ne Yeiel, wɔkurakura mmɛnta ne nsankutene, na Asaf deɛ, ɔbɔ nnawuro a ɛgyegyeɛ.

6 Na Benaia ne Yahasiel, asɔfoɔ no hyɛnee ntotorobɛnto daa daa Nyankopɔn apam adaka no anim.

7 Da no ara na Dawid maa wɔfaa Asaf ne ne nuanom so daa AWURADE ase kane.

8 O monna AWURADE ase, mommɔ ne din, momma wɔnhunu ne nneyɛɛ aman mu.

9 Monto no dwom, monto no ayeyie dwom, monka n’anwanwadeɛ nyinaa.

10 Momfa ne din kronkron nhyehye mo ho, ma wɔn a wɔhwehwɛ AWURADE akoma ntɔ wɔn yam.

11 Mompɛ AWURADE ne ne tumi akyiri kwan, monhwehwɛ n’anim daa daa.

12 Monkae n’anwanwadeɛ a wayɛ, n’ahodwirideɛ ne n’anomu atemmusɛm.

13 O ne somfoɔ Abraham asefoɔ, Yakob a ɔfaa no no mma.

14 Ɔno ne AWURADE yɛn Nyankopɔn, n’atemmudeɛ wɔ asase nyinaa so.

15 Wɔnkae n’apam no nkɔsi daa, asɛm a ɔhyɛɛ awoɔ ntoatoasoɔ apem no,

16 sɛdeɛ ɔne Abraham pameeɛ no ne ne ntam a ɔkaa Isak no.

17 Na ɔde sii hɔ maa Yakob sɛ ahyɛdeɛ, ne Israel sɛ daa apam

18 kaa sɛ: Wo na mede Kanaan asase bɛma woɔ, sɛ wo agyapadeɛ a wɔakyɛ no susuhoma soɔ.

19 Berɛ a na wɔsua, na wɔmmu wɔn ho akonta wɔ akyinkyinakyinkyin mu,

20 na wɔnenam firi ɔman mu kɔ ɔman mu, wɔfiri ahennie bi mu kɔ ɔman foforɔ bi mu no,

21 wamma obi anhom wɔn so, na wɔn nti ɔkaa ahemfo anim:

22 Sɛ monnka wɔn a wɔasra wɔn no, na monnyɛ m’adiyifoɔ bɔne biara.

23 Monto AWURADE dwom, asase nyinaa so! Mompae ne nkwagyeɛ mfiri da nkɔ da mu.

24 Monka n’animuonyam wiase aman mu, ne n’anwanwadeɛ aman nyinaa mu.

25 Na AWURADE yɛ ɔkɛseɛ na ɔsɛ ayeyie sɛ, na ne ho yɛ hu anyame nyinaa mu.

26 Na amanaman anyame nyinaa yɛ abosonhuhuo, na AWURADE deɛ, ɔno na ɔyɛɛ ɔsoro.

27 Anidie ne animuonyam wɔ n’anim, tumi ne anika wɔ ne tenabea.

28 Aman mmusuakuo, momma AWURADE, momma AWURADE animuonyam ne tumi.

29 Momfa AWURADE din no animuonyam mma no, monsoa ayɛyɛdeɛ mmra n’anim. Monsɔre AWURADE wɔ ahokeka kronkron mu.

30 Asase nyinaa, mo ho mpopo wɔ n’anim. Wiase tim hɔ pintinn, ɛrenhinhim da.

31 Wɔmma ɔsoro ani nnye, na asase ho nsane no; wɔnka no amanaman mu sɛ: AWURADE adi hene.

32 Ɛpo ne ne mayɛ bɛworo. Mfofowa ne deɛ ɛwɔ mu nyinaa bɛdi ahurisie.

33 Ɛno na kwaeɛ mu nnua bɛto ahosan nnwom, AWURADE anim, ɛfiri sɛ ɔreba abɛbu asase atɛn.

34 Monna AWURADE ase, na ɔyɛ, na n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

35 Na monka sɛ: Gye yɛn nkwa, yɛn nkwagyeɛ Nyankopɔn, na boaboa yɛn ano, na yi yɛn firi amanaman mu, na yɛnna wo din kronkron no ase, na yɛmfa w’ayeyie nhyehyɛ yɛn ho.

36 Nhyira nka AWURADE, Israel Nyankopɔn, firi daa kɔsi daa. Na ɔman no nyinaa gyee so sɛ Amen, de yii AWURADE ayɛ.


Onyamesom no ho nsiesieeɛ

37 Ɛnna ɔgyaa Asaf ne ne nuanom hɔ AWURADE apam adaka no anim, sɛ wɔnsom adaka no anim daa, sɛdeɛ ɛhia da biara;

38 na Obed-Edom ne wɔn nuanom yɛ aduosia nwɔtwe, na Yedutun ba Obed-Edom ne Hosa yɛɛ apono ano ahwɛfoɔ.

39 Na ɔgyaa Ɔsɔfoɔ Sadok ne ne nuanom asɔfoɔ hɔ AWURADE tenabea no anim sorɔnsorɔmmea a ɛwɔ Gibea no,

40 sɛ wɔmmɔ ɔhyeɛ afɔdeɛ, ɔhyeɛ afɔrebukyia no so, mma AWURADE daa daa anɔpa ne anwummerɛ nyɛ sɛdeɛ wɔatwerɛ no AWURADE mmara a ɔhyɛɛ Israel no mu nyinaa.

41 Na Heman ne Yedutun ka wɔn ho, ne wɔn a wɔyii wɔn a wɔbobɔɔ wɔn din no nkaeɛ, sɛ wɔnna AWURADE ase, sɛ n’adɔeɛ wɔ hɔ daa.

42 Na Heman ne Yedutun ka wɔn ho kura ntotorobɛnto ne nsambɔ nnawuro a wɔma no gyegyeɛ, ne nnoɔma a wɔde to Nyankopɔn dwom. Na Yedutun mma deɛ, na wɔwɔ ɛpono ano.

43 Ɛnna ɔman no nyinaa sii mu kɔɔ wɔn afie, na Dawid nso sane kɔ kɔhyiraa ne fiefoɔ.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan