Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Berɛsosɛm 15 - New Revised Asante Twi Bible


Wɔde apam adaka no ba Sion bepɔ so

1 Na Dawid sisii adan maa ne ho wɔ Dawid kuro mu, na ɔsiesiee afa bi maa Nyankopɔn adaka no, na ɔsii ntomadan maa no.

2 Afei Dawid kaa sɛ obiara nnsoa Nyankopɔn adaka no sɛ Lewifoɔ no ara nko, na wɔn na AWURADE ayi wɔn sɛ wɔnsoa Nyankopɔn adaka no, na wɔnsom no daa.

3 Na Dawid boaa Israel nyinaa ano bɛhyiaa Yerusalem sɛ wɔrekɔfa AWURADE adaka no de aba n’afa a wasiesie ama no no.

4 Na Dawid boaa Aaron mma ne Lewifoɔ no ano:

5 Kehat mma no mu: Ɔsafohene Uriel ne ne nuanom, ɔha aduonu.

6 Merari mma mu: Ɔsafohene Asaia ne ne nuanom, ahanu aduonu.

7 Gersom mma mu: Ɔsafohene Yoel ne ne nuanom, ɔha aduasa.

8 Elisafan mma mu: Ɔsafohene Semaia ne ne nuanom, ahanu.

9 Hebron mma mu: Ɔsafohene Eliel ne ne nuanom, aduɔwɔtwe.

10 Usiel mma mu: Ɔsafohene Aminadab ne ne nuanom, ɔha dummienu.

11 Na Dawid frɛɛ Sadok ne Abiatar, asɔfoɔ no, ne Lewifoɔ no: Uriel, Asaia, Yoel, Semaia, Eliel ne Aminadab,

12 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Mone Lewifoɔ mu agyanom atitire, mo ne mo nuanom nnwira mo ho, na momfa AWURADE Israel Nyankopɔn adaka no mmra deɛ masiesie mama no hɔ.

13 Na akane no ɛnyɛ mo na moyɛeɛ nti na AWURADE yɛn Nyankopɔn bu baa yɛn soɔ, sɛ yɛanhwehwɛ no n’atorɔmuadeɛ no soɔ.

14 Ɛnna asɔfoɔ ne Lewifoɔ no dwiraa wɔn ho sɛ wɔrekɔfa AWURADE Israel Nyankopɔn adaka no aba.

15 Na Lewifoɔ mma no soaa Nyankopɔn adaka no, sɛdeɛ Mose hyɛeɛ, sɛdeɛ AWURADE asɛm no teɛ no. Wɔde ɛho mpoma no totoo wɔn kɔn ho.

16 Na Dawid ka kyerɛɛ Lewifoɔ asafohene no sɛ wɔnyiyi wɔn nuanom nnwontofoɔ no mma wɔnkurakura nnwontoɔ nnoɔma: Mmɛnta, mmɛn ne asankuten ne nsambɔ nnawuro nnyinagyina hɔ mma wɔnte wɔn nka na wɔmma wɔn nne so anigyeɛ mu.

17 Na Lewifoɔ no yii Yoel ba Heman ne ne nuanom mu Berekia ba Asaf ne wɔn nuanom Merari mma mu Kusaia ba Etan de wɔn gyinagyinaa hɔ.

18 Na wɔde wɔn nuanom a wɔtɔ so mmienu kaa wɔn ho: Sakaria, Ya-asiel, Semiramot, Yehiel, Uni, Eliab, Benaia, Ma-aseia, Matitia, Elifelehu, Mikneia ne Obed-edom ne Ye-iel, apono ano hwɛfoɔ no.

19 Na nnwontofoɔ Heman, Asaf ne Etan bɔɔ kɔbere mfrafraeɛ nnawuta maa wɔtee nka,

20 na Sakaria, Asiel, Semiramot, Yehiel, Uni, Eliab, Maaseia ne Benaia bɔɔ mmɛnta mmabaa nne so.

21 Na Matitia ne Elifelehu ne Mikneia ne Obed-Edom ne Yeiel ne Asaia bɔ asankuten nne a ɛtɔ so nwɔtwe so.

22 Na Kenania, Lewifoɔ safohene wɔ nnwontoɔ no mu, ɔdi nnwontoɔ no so, ɛfiri sɛ na ɔte aseɛ.

23 Na Berekia ne Elkana ne adaka no apono ano hwɛfoɔ.

24 Na Sebania, Yosafat, Netanel, Amasai, Sakaria, Benaia, Eliesa, asɔfoɔ no, ne ntotorobɛntohyɛnfoɔ a wɔhyɛne ntotorobɛnto, Nyankopɔn adaka no anim. Na Obed-Edom ne Yehia ne adaka no apono ano ahwɛfoɔ.


Wɔde Adaka no kɔ Yerusalem
( 2 Samuel 6.12-22 )

25 Ɛnna Dawid ne Israel mpanimfoɔ ne mpem mpem so asafohene no sii mu kɔeɛ, sɛ wɔrekɔfa AWURADE apam adaka no afiri Obed-Edom fie aba, anigyeɛ mu.

26 Na Onyankopɔn boaa Lewifoɔ a wɔso AWURADE apam adaka no no, wɔde anantwinini nson ne adwennini nson bɔɔ afɔdeɛ.

27 Na Dawid hyɛ asaawa nwera batakari, ɔno ne Lewifoɔ a wɔso adaka no nyinaa ne nnwontofoɔ no, ne ɔsafohene Kenania a ɔdi nnwontoɔ no soɔ no wɔ nnwontofoɔ no mu. Na nwera asɔfotadeɛ nso hyɛ Dawid.

28 Na Israel nyinaa de AWURADE apam adaka no bae, osebɔ ne mmɛnhyɛne ne ntotorobɛnto ne nsambɔ ne nnawuro mu, wɔde mmɛnta ne nsankutene maa wɔtee nka.

29 Na ɛbaa sɛ, AWURADE apam adaka no duruu Dawid kurom no, Saulo babaa Mikal hwɛɛ mpomma mu, na ɔhunuu Ɔhene Dawid sɛ ɔrehurihuri na ɔregorɔ no, ɔbuu no animtia n’akoma mu.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan