1 Berɛsosɛm 14 - New Revised Asante Twi BibleDawid aban, ne yerenom ne ne mma ( 2 Samuel 5.11-16 ) 1 Na Tirohene Hiram somaa abɔfoɔ maa wɔbaa Dawid nkyɛn, wɔde ntweneduro nnua ne abantofoɔ ne nnuapaefoɔ baa sɛ wɔmmɛsi dan mma no. 2 Na Dawid hunuu sɛ AWURADE asi no Israel so hene, na ne man Israel nti wama n’ahennie so. 3 Na Dawid warewaree yerenom bio Yerusalem, na Dawid wowoo mmammarima ne mmammaa bebree. 4 Na wɔn a wɔwoo wɔn maa no Yerusalem din nie: Samua, Sobab, Natan, Salomo, 5 Yibhar, Elisua, Elpelet, 6 Noga, Nefeg, Yafia, 7 Elisama, Beeliada ne Elifelet. Dawid nkonimdie ahodoɔ wɔ Filistifoɔ so ( 2 Samuel 5.17-25 ) 8 Na Filistifoɔ tee sɛ wɔasra Dawid de no asi Israel nyinaa so hene no, Filistifoɔ nyinaa foro baa sɛ wɔrebɛhwehwɛ Dawid. Na Dawid teeɛ no, ɔfirii adi kɔhyiaa wɔn. 9 Na Filistifoɔ no ba de bɛkyeree nsraban wɔ Refaim bonhwa mu. 10 Ɛnna Dawid kɔbisaa Onyankopɔn sɛ: Menkɔ Filistifoɔ no so na wode wɔn bɛhyɛ me nsa anaa? Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ, na mede wɔn bɛhyɛ wo nsa. 11 Na wɔforo baa Baal-perasim. Na Dawid kunkumm wɔn wɔ hɔ. Na Dawid kaa sɛ: Onyankopɔn apae m’atamfoɔ mu me nsam, sɛ nsuo mu paeɛ no. Enti wɔfrɛɛ hɔ: Baal-perasim. 12 Na wɔgyigyaa wɔn anyame wɔ hɔ. Na Dawid ka maa wɔde ogya hyeeɛ. 13 Na Filistifoɔ no sane foro baa bio de bɛkyeree nsraban wɔ bonhwa no mu. 14 Na Dawid bisaa Onyankopɔn bio, na Onyankopɔn ka kyerɛɛ no sɛ: Nkɔ nkɔdi wɔn akyi, dane firi wɔn ho, na fa baka nnua no ntentensoɔ bra wɔn so. 15 Na sɛ wote nanteɛ nka baka nnua no atifi a, ɛnneɛ firi kɔko, na Onyankopɔn afiri redi w’anim akɔkum Filistifoɔ dɔm no. 16 Na Dawid yɛɛ sɛdeɛ Onyankopɔn hyɛɛ no no, na wɔkunkum Filistifoɔ dɔm no firii Gibeon de kɔsii Geser. 17 Na Dawid din hyetae nsase no nyinaa so, na AWURADE maa ne ho hu tɔɔ amanaman no nyinaa so. |
The Bible Society of Ghana, 2012