Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Berɛsosɛm 13 - New Revised Asante Twi Bible


Israelfoɔ kɔfa Apam Adaka no firi Kiriat-yearim
( 2 Samuel 6.1-11 )

1 Na Dawid ne apem apem ne ɔha ha so asafohene ne mmapɔmma no nyinaa kɔɔ agyina,

2 na Dawid ka kyerɛɛ Israel badwa no nyinaa sɛ: Sɛ ɛyɛ wɔ mo ani so na ɛfiri AWURADE yɛn Nyankopɔn nkyɛn a, momma yɛmmu mu nsoma mma wɔnkɔ yɛn nuanom a wɔaka Israel nsase nyinaa soɔ ne asɔfoɔ ne Lewifoɔ a wɔka wɔn ho wɔn tenabea nkuro mu no nkyɛn, na wɔmmoaboa wɔn ano mmra yɛn nkyɛn,

3 na yɛmfa yɛn Nyankopɔn adaka no ntwam mmra yɛn nkyɛn. Na Saulo berɛ so no, yɛammisa akyiri kwan.

4 Ɛnna badwa no nyinaa kaa sɛ wɔnyɛ saa, ɛfiri sɛ na asɛm no tene ɔman no nyinaa ani so.

5 Na Dawid boaa Israel man no nyinaa ano hyiae de firii Sihor a ɛwɔ Misraim kɔsii deɛ ɛde rekɔ Hamat, sɛ wɔrekɔfa Nyankopɔn adaka no afiri Kiriat-yearim aba.

6 Na Dawid ne Israel nyinaa foro kɔɔ Baala a ɛne Kiriat-yearim a ɛwɔ Yuda no, sɛ wɔrekɔfa Onyankopɔn, AWURADE a ɔte kerubim soɔ a wɔbɔ ne din frɛ no no, adaka no afiri hɔ aba.

7 Na wɔyii Nyankopɔn adaka no sii teaseɛnam foforɔ bi so firii Abinadab fie. Na Usa ne Ahio piaa teaseɛnam no.

8 Na Dawid ne Israel nyinaa goroe, Nyankopɔn anim, wɔde ahoɔden nyinaa ne nnwom ne asankuo ne mmɛnta ne mpintin ne nnawuro ne ntotorobɛnto.

9 Na wɔduruu Kidon ayuporebea no, Usa tenee ne nsa kɔsɔɔ adaka no mu, ɛfiri sɛ anantwie no hinhimii.

10 Na AWURADE bo fuu Usa, na ɔkumm no, sɛ ɔtenee ne nsa kaa adaka no nti, na ɔwuu Nyankopɔn anim hɔ.

11 Na Dawid ampɛ sɛ AWURADE abufuo aba Usa soɔ, na ɔfrɛɛ hɔ sɛ Peres-usa de bɛsi nnɛ.

12 Na Dawid suroo Nyankopɔn da no, na ɔkaa sɛ: Mede Nyankopɔn adaka no bɛba me nkyɛn sɛn?

13 Na Dawid amfa adaka no amma ne nkyɛn Dawid kuro no mu, na ɔde mane kɔɔ Gitini Obed-Edom fie.

14 Na Nyankopɔn adaka no sii Obed-Edom fie bosome mmiɛnsa, na AWURADE hyiraa Obed-Edom fie ne deɛ ɔwɔ nyinaa.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan