1 Berɛsosɛm 12 - New Revised Asante Twi BibleDawid akyidifoɔ a wɔdi kan 1 Na yeinom ne wɔn a wɔbaa Dawid nkyɛn Siklag berɛ a na ɔntumi nkɔ baabiara a ɔpɛ ɛsiane Kis ba Saulo nti; na wɔn nso wɔ nnɔmmarima a wɔboaa no akodie mu no mu; 2 taduakurafoɔ a wɔtumi de nifa ne benkum to aboɔ ne agyan tadua soɔ. 3 Saulo nuanom a wɔfiri Benyamin mu: Gibeani Semaa mma Ahieser a ɔdi tire ne Yoas ne Asmawet mma Yesiel ne Pelet ne Beraka ne Anatotni Yehu, 4 ne Gibeonni Ismaia, aduasa no mu dɔmmarima, na ɔdi aduasa no so, ne Yeremia ne Yahasiel ne Yohanan ne Gederani Yosabad, 5 Elusai ne Yerimot ne Bealia ne Semaria ne Harifini Sefatia. 6 Elkana ne Yesia ne Asarel ne Yoeser ne Yasobeam, Korafoɔ, 7 ne Yoela ne Sebadia, Yeroham mma a wɔfiri Gedor. 8 Na Gadfoɔ mu nnipa a wɔtee wɔn ho baa Dawid nkyɛn ɛserɛ so atenaeɛ no mu, nnɔmmarima a wɔtumi wɔn ho, na wɔyɛ akofoɔ a wɔkura kyɛm ne pea, na wɔn anim te sɛ agyata anim, na wɔn ho yɛ hare sɛ mmepɔ so adowa nie: 9 Eser di wɔn panin, Obadia di hɔ, Eliab tɔ so mmiɛnsa, 10 Mismana tɔ so nnan, Yeremia tɔ so nnum, 11 Atai tɔ so nsia, Eliel tɔ so nson, 12 Yohanan tɔ so nwɔtwe, Elsabad tɔ so nkron, 13 Yeremia tɔ so du, Makbanai tɔ so dubaako. 14 Yeinom firi Gad mma mu, wɔyɛ dɔm no mu atitire. Ɔbaako, akumaa koraa bɛtumi ɔha, na ɔkɛseɛ bɛtumi apem. 15 Yeinom ne wɔn a wɔtwaa Yordan, bosome a ɛdi kan no mu, berɛ a na ayiri asram ne nsunoa nyinaa so no, na wɔkaa mmonhwa no mufoɔ nyinaa guiɛ, apueeɛ fam ne atɔeɛ fam. 16 Na Benyamin ne Yuda mma mu binom nso baa Dawid nkyɛn atenaeɛ no mu hɔ. 17 Na Dawid firii adi baa wɔn anim na ɔbua see wɔn sɛ: Sɛ asomdwoeɛ so na moreba me nkyɛn, sɛ morebɛboa me a, ɛnneɛ mɛnya mo ho akoma pa sɛ yɛbɛyɛ baako. Na sɛ moreba abɛyi me ama m’atamfoɔ, nanso amumuyɛ biara nni me nsam yi, ɛnneɛ yɛn agyanom Nyankopɔn bɛhwɛ na wabu atɛn. 18 Ɛnna honhom kaa Amasai, aduasa no mu otitire, na ɔkaa sɛ: Yɛyɛ wo dea, O Dawid; na yɛwɔ w’afa, O Yisai ba! Asomdwoeɛ, asomdwoeɛ nka wo, na asomdwoeɛ nka w’aboafoɔ, ɛfiri sɛ wo Nyankopɔn boa wo. Ɛnna Dawid gyee wɔn; na ɔde wɔn sisii n’asafo so atitire. 19 Na Manasefoɔ mu binom nso wae bɛdɔmm Dawid berɛ a na ɔne Filistifoɔ rebɛne Saulo ako no. (Na wammoa Filistifoɔ no, ɛfiri sɛ Filistifoɔ mmapɔmma kɔɔ agyina gyaa no kwan sɛ: Yɛn tiri na ɔde bɛwae akɔ ne wura Saulo nkyɛn.) 20 Na ɔsii mu kɔɔ Siklag no, Manase mu binom wae bɛdɔm no: Adna ne Yosabad ne Yediael ne Mikael ne Yosabad ne Elihu ne Siletai, Manase mpem mpem so atitire. 21 Na wɔn na wɔboaa Dawid ne afomfafoɔ asafo no dii asie. Na wɔn nyinaa yɛ nnɔmmarima akatakyie, na wɔyeyɛɛ ɛdɔm no mu asafohene. 22 Na daa nyinaa na wɔde Dawid nkyɛn ba ara, sɛ wɔrebɛboa no, kɔsii sɛ wɔyɛɛ ɛdɔm kɛseɛ sɛ Nyankopɔn dɔm. 23 Na yeinom ne nnipa a na wɔamia ama akodie a wɔbaa Dawid nkyɛn Hebron, sɛ wɔbɛdane Saulo ahennie ama no, sɛdeɛ AWURADE asɛm no seɛ no dodoɔ: 24 Yuda mma a wɔkura akyɛm ne mpea a wɔamia ama akodie, mpemnsia ahanwɔtwe, 25 Simeon mma mu nnɔmmarima a wɔtumi akodie, mpemnson ne ɔha, 26 Lewi mma mu, mpemnan ahansia, 27 ne Yehoiada, Aaron bapɔmma, na nnipa mpensa ahanson ka ne ho, 28 ne Sadok, aberanteɛ dɔmmarima katakyie, ne n’agya fie asafohene aduonu mmienu 29 ne Benyamin mma, Saulo nuanom, mu mpensa; na ɛde bɛsi berɛ no mu na wɔn mu dodoɔ ara adi Saulo fie nokorɛ; 30 ne Efraim mma mu, mpemaduonu ahanwɔtwe, nnɔmmarima akatakyie, nnipa a wɔwɔ din wɔn mpanimfie mu: 31 Manase abusuakuo fa no mu, mpemdunwɔtwe na wɔbɔɔ wɔn din sɛ wɔmmra mmɛsi Dawid hene. 32 Isakar mma mu nnipa a wɔyɛ mmerɛ mu nhunumufoɔ sɛ wɔbɛhunu deɛ ɛsɛ sɛ Israel yɛ no, wɔn mu atitire ahanu, na wɔn nuanom nyinaa tiee wɔn. 33 Sebulon mu nnipa mpem aduonu a wɔawedare wɔ akodie a wɔde akodeɛ nyinaa amia ama ɔsakorɔ sɛ wɔde akoma a ɛnyɛ ntanta rebɛboa Dawid. 34 Naftali mu asafohene apem, na nnipa a wɔkura akyɛm ne mpea mpemaduasa nson ka wɔn ho. 35 Danfoɔ mu nnipa a wɔamia ama ɔko mpemaduonu nwɔtwe ne ahansia na wɔbaeɛ. 36 Aser mu nnipa a wɔtumi kɔ akono mpemaduanan na wɔbaeɛ. 37 Na wɔn a wɔfiri Yordan agya a wɔfiri Rubenfoɔ ne Gadfoɔ ne Manase abusuakuo fa no mu nnipa a wɔkura akodeɛ ahodoɔ nyinaa, mpemha ne mpemaduonu. 38 Mmarima akofoɔ a wɔde akoma mu yii wɔn ho kɔɔ mpasua soɔ yi nyinaa baa Hebron, sɛ wɔde Dawid rebɛsi Israel nyinaa so hene. Na Israel nkaeɛ no nyinaa nso nyaa Dawid ahensie ho akoma korɔ. 39 Na wɔne Dawid dii hɔ nnansa didi nomee ɛfiri sɛ na wɔn nuanom ahyɛ wɔn akyi. 40 Na wɔn a wɔbɛn wɔn de kɔsi Isakar ne Sebulon ne Naftali no nso de aduane bae, mfunumu ne yoma ne mfunumupɔnkɔ ne anantwie so, esiam aduane ne borɔdɔma taterɛ ne bobe aba a wɔahata ne nsa ne ngo ne anantwie ne nnwan pii pa, na anigyeɛ baa Israel. |
The Bible Society of Ghana, 2012