Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Berɛsosɛm 10 - New Revised Asante Twi Bible


Saulo wuo
( 1 Samuel 31.1-13 )

1 Na Filistifoɔ ne Israel koeɛ. Na Israel mmarima no dwanee wɔ Filistifoɔ anim, na wɔtotɔe wɔ Gilboa bepɔ so.

2 Na Filistifoɔ tu saa Saulo ne ne mma, na Filistifoɔ kumm Yonatan, Abinadab ne Malkisua a wɔyɛ Saulo mma no.

3 Na ɔko no den Saulo so, na agyantofoɔ bɛtoo no, na agyantofoɔ no too agyan wɔɔ no.

4 Na Saulo ka kyerɛɛ n’akodeɛkurani sɛ: Twe wo nkrantɛ na fa wɔ me, na momonotofoɔ yi amma ammɛbɔ me adapaa. Na n’akodeɛkurani no ampene, na ɔsuroo pii. Enti Saulo faa ne nkrantɛ na ɔhwee so.

5 Na n’akodeɛkurani no hunuu sɛ Saulo atɔ no, ɔno nso hwee ne nkrantɛ so na ɔtɔe.

6 Na Saulo wui, na ne mma baasa no ne ne fiefoɔ nyinaa totɔɔ prɛko.

7 Na Israelfoɔ a wɔwɔ bonhwa no mu nyinaa hunuu sɛ asraafoɔ no adwaneɛ, na Saulo ne ne mma atotɔ no, wɔgyigyaa wɔn nkuro hɔ dwanee. Na Filistifoɔ ba bɛtenatenaa mu.

8 Na ɛbaa sɛ adeɛ kyeeɛ no, Filistifoɔ baa atɔfoɔ no ho nnoɔma yiyie, na wɔhunuu Saulo ne ne mma baasa no sɛ wɔatotɔ Gilboa bepɔ soɔ.

9 Na wɔyiyii wɔn ho nnoɔma, na wɔfaa ne ti ne n’akodeɛ soma maa wɔde kyinii Filistifoɔ asase so, sɛ wɔnkɔpae nkyerɛ wɔn ahoni ne ɔman no.

10 Na wɔde n’akodeɛ no kɔsiee wɔn anyame fie, na ne tikwankoraa deɛ, wɔde kɔfam Dagon fie.

11 Na Yabes-gileadfoɔ nyinaa tee deɛ Filistifoɔ ayɛ Saulo nyinaa no,

12 akofoɔ no nyinaa sɔresɔree, na wɔkɔfaa Saulo amu, ne ne mma no amu no, na wɔde baa Yabes, na wɔbɛsiee wɔn nnompe no dupɔn a ɛwɔ Yabes no ase, na wɔdii mmuada nnanson.

13 Na Saulo wui ne fom a ɔfom AWURADE no, ne AWURADE asɛm a wanni soɔ no, ne sɛ nso ɔkɔbisaa samanfrɛni hɔ adeɛ hwehwɛɛ n’akyiri kwan.

14 Na wanhwehwɛ AWURADE akyiri kwan nti, na ɔkumm no, na ɔdanee ahennie no maa Yisai ba Dawid.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan