Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Ahene 21 - New Revised Asante Twi Bible


Wɔdi Nabot awu

1 Na Yesreelni Nabot wɔ bobe turo bi Yesreel wɔ Samariahene Ahab ahemfie ho.

2 Na Ahab ka kyerɛɛ Nabot sɛ: Fa wo bobe turo no ma me, na memfa menyɛ fan turo, ɛfiri sɛ ɛbɛn me fie ho, na mɛma wo bobe turo a ɛyɛ sene no ahyɛ ananmu, anaasɛ wopɛ a, mɛma wo ɛho sika.

3 Na Nabot ka kyerɛɛ Ahab sɛ: AWURADE mma yei mpare me, sɛ mede m’agyanom awunnyadeɛ bɛma woɔ.

4 Ɛnna Ahab kɔɔ ne fie a wakum n’anim na waboto, Yesreelni Nabot asɛm a ɔka kyerɛɛ no no nti; sɛ waka akyerɛ no sɛ: Meremfa m’agyanom awunnyadeɛ memma wo. Na ɔdaa ne mpa so danee n’ani, na wannidi.

5 Na ne yere Isebel baa ne nkyɛn bɛbisaa no sɛ: Adɛn na wo honhom aboto sɛɛ na wonnidie yi?

6 Na ɔbuaa no sɛ: Ɛfiri sɛ me ne Yesreelni Nabot kasae, na mesee no sɛ: Fa wo bobeturo no ma me gye sika, anaasɛ nso sɛ wopɛ a, mɛma wo bobeturo ahyɛ ananmu. Na ɔse: Meremfa me bobeturo no memma wo.

7 Ɛnna ne yere Isebel ka kyerɛɛ no sɛ: Ɛnyɛ wo na wodi Israel soɔ? Sɔre didi, na ma wo bo ntɔ wo yam, na mede Yesreelni Nabot bobeturo no bɛma wo.

8 Ɛnna ɔde Ahab din twerɛtwerɛɛ nwoma, na ɔde ne nsɔanodeɛ sosɔɔ ano, na ɔsomasoma maa wɔde nwoma no kɔmaa mpanimfoɔ ne adehyeɛ a wɔwɔ ne kurom a wɔne Nabot te mu no.

9 Na ɔtwerɛɛ nwoma no mu sɛ: Mompae mma wɔnni mmuada, na momfa Nabot ntena nkurɔfoɔ no ti.

10 Na momfa mmarima baanu a wɔyɛ mmahuhufoɔ nnyina n’anim, na wɔnni adanseɛ ntia no sɛ: Woadome Onyankopɔn ne ɔhene! Na momfa no mfiri nkɔsi no aboɔ mma no nwu.

11 Ɛnna ne kuro no mufoɔ mpanimfoɔ ne adehyeɛ a wɔte ne kurom no yɛɛ sɛdeɛ Isebel kraa wɔn no, sɛdeɛ ɔtwerɛɛ nwoma a wɔde kɔmaa wɔn no mu no:

12 Wɔpaee sɛ wɔnni mmuada, na wɔde Nabot tenaa nkurɔfoɔ no ti.

13 Na mmarima mmahuhufoɔ baanu ba bɛtenaa n’anim, na mmarima ahuhufoɔ no dii adanseɛ tiaa Nabot ɔman no anim sɛ: Nabot adome Onyankopɔn ne ɔhene. Na wɔyii no firi kɔɔ kuro no akyi kɔsii no aboɔ maa no wui.

14 Ɛnna wɔsoma maa wɔkɔɔ Isebel nkyɛn sɛ: Wɔasi Nabot aboɔ, na wawu.

15 Na Isebel tee sɛ wɔasi Nabot aboɔ na wawuo no, Isebel ka kyerɛɛ Ahab sɛ: Sɔre kɔfa Yesreelni Nabot bobeturo a ɔmpɛ sɛ ɔde ma wo gye sika no di so, ɛfiri sɛ Nabot nte ase bio, na wawu.

16 Na ɛbaa sɛ Ahab tee sɛ Nabot awuo no, Ahab sɔree sɛ ɔresiane akɔ Yesreelni Nabot bobeturo no mu akɔfa adi so.


Elia hyɛ asotwe ho nkɔm

17 Ɛnna AWURADE asɛm baa Tisbini Elia nkyɛn sɛ:

18 Sɔre siane kɔhyia Israelhene Ahab a ɔwɔ Samaria no. Hwɛ, ɔwɔ Nabot bobeturo a wasiane kɔ hɔ sɛ ɔrekɔfa adi soɔ no mu;

19 na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Woadi awu, na woafa obi adeɛ adi so? Na ka kyerɛ no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Faako a akraman taferee Nabot mogya no, ɛhɔ na akraman bɛtafere wo nso wo mogya.

20 Na Ahab ka kyerɛɛ Elia sɛ: Woahu me, me tamfo? Na ɔse: Mahu wo, ɛfiri sɛ woatɔn wo ho ayɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne.

21 Hwɛ, mede bɔne bɛba wo so; mɛpra wo akɔ na matwa Ahab babarima biara wɔ Israel mu, akoa anaa ɔdehyeɛ atwene.

22 Na mɛyɛ wo fie sɛ Nebat ba Yeroboam fie ne Ahia ba Baasa fie, huru a woahuru me bo na woama Israel ayɛ bɔne nti.

23 Na Isebel nso, AWURADE kaa ne ho asɛm sɛ: Akraman bɛwe Isebel nam, Yesreel fasuo ho.

24 Ahab fie mu nipa a ɔbɛwu kuro mu no, akraman na ɛbɛwe ne nam, na deɛ ɔbɛwu wiram no, ewiem nnomaa na ɛbɛdi ne nam.

25 (Ampa, obiara nni hɔ a ɔte sɛ Ahab a ɔtɔn ne ho sɛ ɔbɛyɛ AWURADE ani so bɔne, ɛfiri sɛ ne yere Isebel hwanyan no.

26 Na ɔyɛɛ akyiwadeɛ sɛ, sɛ ɔdii ahoni huhuo no akyire, sɛdeɛ Amorifoɔ a AWURADE tuu wɔn Israelfoɔ anim yɛeɛ no ara.)

27 Na Ahab tee nsɛm yi no, ɔsunsuanee ne ntadeɛ mu, na ɔde ayitoma firaeɛ, na ɔdii abuada, na ɔdaa ayitoma no mu, na n’anim yɛɛ siamoo.

28 Na AWURADE asɛm baa Tisbini Elia nkyɛn sɛ: Woahunu sɛ Ahab abrɛ ne ho ase m’anim?

29 Ɛsiane sɛ wabrɛ ne ho ase m’anim nti, meremfa bɔne no memma ne berɛ so. Ne ba berɛ so, na mede bɔne no bɛba ne fie soɔ.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan