Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Ahene 20 - New Revised Asante Twi Bible


Ahab di Siriafoɔ so nkonim mprenu

1 Na Siriahene Ben-hadad boaboaa ne dɔm nyinaa ano, na ahemfo aduasa mmienu kaa ne ho, ne apɔnkɔ ne nteaseɛnam, na ɔforo ba bɛtuaa Samaria ne no koeɛ.

2 Na ɔsomaa abɔfoɔ maa wɔbaa Israelhene Ahab nkyɛn kuro no mu bɛka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ Ben-hadad seɛ nie:

3 Wo dwetɛ ne wo sika yɛ me dea, na wo yerenom ne wo mma a wɔn ho yɛ fɛ no nso, wɔyɛ me dea.

4 Na Israel hene buaa sɛ: W’asɛm no wom, me wura ɔhene, wo na me ne deɛ mewɔ nyinaa wɔ woɔ.

5 Na ɔbɔfoɔ no sane baa bio bɛkaa sɛ: Sɛ Ben-hadad seɛ nie: Sɛ mesoma maa wɔbaa wo nkyɛn sɛ: Wo dwetɛ ne wo sika ne wo yerenom ne wo mma, fa ma me no,

6 sɛ ɔkyena sɛsɛberɛ nso mesoma me nkoa ma wɔaba wo nkyɛn abɛkyini wo fie ne wo nkoa afie mu, na adeɛ biara a ɛyɛ wɔn ani so fɛ no, wɔbɛfa akura wɔn nsam de akɔ.

7 Ɛnna Israel hene frɛɛ asase no so mpanimfoɔ nyinaa sɛ: Monhwɛ nhunu sɛ bɔne na oyi rehwehwɛ; na wasoma ama wɔaba me nkyɛn, me yerenom ne me mma ne me dwetɛ ne me sika ho, na mankame no.

8 Na mpanimfoɔ no nyinaa ne ɔman no nyinaa ka kyerɛɛ no sɛ: Ntie, na mpene nso.

9 Na ɔka kyerɛɛ Ben-hadad abɔfoɔ no sɛ: Monkɔka nkyerɛ me wura ɔhene sɛ: Deɛ wobisaa w’akoa kane no nyinaa deɛ, mɛyɛ, na asɛm yi deɛ, merentumi menyɛ. Na abɔfoɔ no kɔ kɔka kyerɛɛ no.

10 Na Ben-hadad soma kɔsee no sɛ: Mede mmarima bebree bɛba abɛsɛe wo kuro no, na wɔasoa hɔ mfuturo wɔn nsamu akɔ. Anyame no nkum me sɛ manyɛ a.

11 Na Israel hene buaa sɛ: Monkɔka sɛ: Mma deɛ ɔhyɛ akodeɛ nnhoahoa ne ho sɛ deɛ ɔyie.

12 Na ɛbaa sɛ ɔtee asɛm yi no, na ɔne ahemfo no renom nsa asese mu, ɔka kyerɛɛ ne nkoa sɛ: Montoa kuro no! Na wɔto hyɛɛ kuro no so.

13 Na hwɛ, odiyifoɔ bi twe pinii Israelhene Ahab sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Wohunu asafokuo kɛseɛ yi nyinaa? Hwɛ, mede wɔn merehyɛ wo nsa nnɛ, na woahunu sɛ mene AWURADE.

14 Na Ahab kaa sɛ: Ɛnam hwan so? Na ɔse: Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɛnam amansini no mmapɔmma mmeranteɛ no so. Ɛnna ɔkaa sɛ: Hwan na ɔmfa nkɔbɔ ani? Na ɔse: Wo!

15 Ɛnna ɔkan amansini mmapɔmma no mmeranteɛ no, na wɔyɛ ahanu aduasa mmienu, na wɔn akyiri no, ɔkan ɔman no nyinaa, Israel mma nyinaa, mpemnson.

16 Na wɔfirii adi awigyina. Na Ben-hadad anom nsa abo wɔ asese no mu, ɔno ne ahemfo aduasa mmienu a wɔboa no no.

17 Na amansini mmapɔmma no mmeranteɛ no firii adi kane. Na Ben-hadad somaa adɔntenfoɔ, na wɔkɔka kyerɛɛ no sɛ: Mmarima afiri adi afiri Samaria reba.

18 Na ɔse: Sɛ ɔmannwoeɛ so na wɔfirii adie a, monkye wɔn animono, na sɛ ɔko so nso na wɔfirii adie a, monkye wɔn animono.

19 Na wɔn deɛ, wɔfiri kuro no mu firii adi, amansini mmapɔmma no mmeranteɛ no ne dɔm a wɔdii wɔn akyire no.

20 Na wɔkumm wɔn mmaako mmaako, na Siriafoɔ dwanedwanee, na Israel tii wɔn, na Siriahene Ben-hadad tenaa ɔpɔnkɔ so ne apɔnkɔsotefoɔ firi dwanee.

21 Na Israel hene firii adi kɔ kyekyeree apɔnkɔ ne nteaseɛnam, na ɔde okunkɛseɛ kumm Siriafoɔ.

22 Na odiyifoɔ no twe pinii Israel hene ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ na kɔhyɛ wo ho den, na hwɛ na hunu deɛ wobɛyɛ; na afeda sɛsɛɛ no Siriafoɔ bɛforo aba wo so.

23 Na Siriahene nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: Wɔn nyame yɛ mmepɔ nyame, enti na wɔn ho yɛɛ den sene yɛn no; na sɛ yɛne wɔn koo asaseta so deɛ a, anka yɛn ho renyɛ den nsene wɔn anaa?

24 Na yei na yɛ: Tutu ahemfo no firi wɔn dibea, na fa amradofoɔ sisi wɔn ananmu.

25 Na wo deɛ, boaboa ɛdɔm bi ano sɛ ɛdɔm a woahwereɛ no, apɔnkɔ sɛ apɔnkɔ no, ne nteaseɛnam sɛ nteaseɛnam no, na yɛne wɔn nkɔko asaseta so, sɛ yɛn ho renyɛ den nsene wɔn anaa? Na ɔtiee wɔn, na ɔyɛɛ saa.

26 Na afeda ɔpɛ berɛ mfitiaseɛ no mu, Ben-hadad boaboaa Siriafoɔ dɔm ano na ɔforo baa Afek sɛ ɔne Israel rebɛko.

27 Na wɔboaboaa Israelfoɔ nso ano, na wɔsiesiee wɔn ho, na wɔkɔ kɔhyiaa wɔn. Na Israelfoɔ kyeree nsraban wɔn ntentensoɔ sɛ mmirekyie akuo nketewa mmienu. Na Siriafoɔ deɛ, wɔyɛɛ asase no ma.

28 Na Nyankopɔn nipa no twe pinii bɛka kyerɛɛ Israel hene sɛ: Sɛdeɛ AWURADE seɛ nie: Ɛsiane sɛ Siriafoɔ aka sɛ: Mmepɔ nyame ne AWURADE, na ɔnyɛ mmonhwa mu nyame nti, mede wɔn asafokuo kɛseɛ yi nyinaa bɛhyɛ wo nsa, na moahunu sɛ mene AWURADE.

29 Na wɔkyeree nsraban, yeinom wɔ yeinom ntentensoɔ, nnanson. Na da a ɛtɔ so nson no, wɔde dɔm koo no kɔbɔɔ anim na Israelfoɔ no kumm Siriafoɔ anammɔnmufoɔ mpemha da koro.

30 Na nkaeɛ no dwanedwane kɔɔ Afek kuro no mu, na ɔfasuo no bu guu nnipa a wɔkaeɛ no mu mpem aduonu nson so. Na Ben-hadad deɛ, ɔdwane kɔɔ kuro no mu firi pia mu kɔɔ pia mu.

31 Na ne nkoa ka kyerɛɛ no sɛ: Hwɛ, yɛate sɛ Israel fie ahemfo yɛ ahemfo a wɔyɛ adɔeɛ. Ma yɛmfa ayitoma nkyekyere yɛn asene, na yɛmfa ntampehoma mmobɔ yɛn ti, na yɛmfiri nkɔ Israel hene nkyɛn; ebia ɔbɛgye wo kra nkwa.

32 Na wɔde ayitoma kyekyeree wɔn asene, na wɔde ntampehoma bobɔɔ wɔn ti, na wɔbaa Israel hene nkyɛn sɛ: W’akoa Ben-hadad se: Ma me kra nnya nkwa ɛ! Na ɔbisaa sɛ: Ɔda so te ase? Ɔyɛ me nua.

33 Afei na mmarima no rehwɛ nsɛnkyerɛnneɛ anim kwan, na wɔyɛɛ ntɛm gyee asɛm no, na wɔkaa sɛ: Wo nua ne Ben-hadad. Na ɔse: Monkɔfa no mmra! Na Ben-hadad firi baa ne nkyɛn; na ɔmaa no foro baa teaseɛnam no mu.

34 Na Ben-hadad ka kyerɛɛ no sɛ: Nkuro a m’agya gyee no w’agya nsam no, mɛdane mama, na te mmorɔno nso Damasko fa, sɛdeɛ m’agya tee no Samaria no. Na Ahab kaa sɛ: Me nso, mede apam bɛgya wo kwan. Ɛnna ɔne no pameeɛ, na ɔgyaa no kwan.

35 Ɛnna ɔbarima bi a ɔfiri adiyifoɔ mma mu de AWURADE asɛm ka kyerɛɛ ne yɔnko sɛ: Bɔ me ɛ! Na ɔbarima no ampene sɛ ɔbɔ no.

36 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Ɛsiane sɛ woantie AWURADE nti, hwɛ, wofiri me nkyɛn ha rekɔ ara pɛ a, gyata bɛku wo. Na ɔfiri ne kyɛn kɔeɛ no, gyata hunuu no, na ɔkum no.

37 Na ɔhunuu ɔbarima foforɔ, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Bɔ me ɛ! Na ɔbarima no bɔɔ no, ɔbɔɔ no piraa no.

38 Ɛnna odiyifoɔ no kɔ kɔgyinaa ɔkwan no ho twɛn ɔhene, na ɔde abotire akyekyere n’ani akyiri asakyera ne ho.

39 Na ɔhene retwam no, ɔbɔnee ɔhene no sɛ: W’akoa firi kɔɔ ɛko no mu, na hwɛ, ɔbarima bi manee de ɔbarima bi brɛɛ me sɛ: Hwɛ ɔbarima yi so, na sɛ ɔyera a, ɛnneɛ wode wo kra bɛsi ne kra ananmu, anaasɛ wobɛtua dwetɛ talente baako.

40 Na w’akoa reyɛ adeɛ foforɔ no, hwɛ, ɔdwanneeɛ hɔ. Ɛnna Israel hene kaa sɛ: Sɛ w’atemmuo teɛ ne no, wo ara woabu.

41 Ɛnna ɔyɛɛ ntɛm yii abotire no firii n’ani akyire, na Israel hene no hunuu no sɛ ɔfiri adiyifoɔ no mu.

42 Na ɔka kyerɛɛ ɔhene sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɛsiane sɛ woama onipa a mahyira no soɔ afiri wo nsa korɔ nti, wo kra bɛsi ne kra ananmu, na wo man asi ne man ananmu.

43 Ɛnna Israel hene no sii mu kɔɔ ne fie, a wakum n’anim na ne bo afuo, na ɔbaa Samaria.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan