1 Ahene 19 - New Revised Asante Twi BibleElia aba pa 1 Na Ahab bɛka kyerɛɛ Isebel deɛ Elia yɛeɛ no nyinaa ne sɛdeɛ ɔkumm adiyifoɔ no nyinaa, nkrantɛ ano no. 2 Na Isebel somaa ɔbɔfoɔ maa no kɔɔ Elia nkyɛn sɛ: Sei na anyame no nyɛ me, na sei nso na wɔmfa nka ho, sɛ ɔkyena sɛsɛɛ na mama wo kra ayɛ sɛ wɔn mu baako deɛ. 3 Na ɔhunuu saa no, ne nkwa nti ɔsuroe na ɔsɔre kɔe, na ɔkɔduruu Beer-seba a ɛyɛ Yuda deɛ no, na ɔgyaa n’abɔfra no wɔ hɔ. 4 Na ɔno deɛ, ɔnantee ɛserɛ so da koro kwan na ɔkɔtenaa sesea bi ase, na ɔsrɛ maa ne ho sɛ anka ɔnwu. Na ɔkaa sɛ: Ayɛ yie, afei, AWURADE, fa me kra, na menyɛ nsene m’agyanom. 5 Na ɔde ne ho too hɔ sesea bi ase. Na hwɛ, ɔbɔfoɔ bɛkaa no, na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɔre didi! 6 Na ɔhwɛe, na hwɛ, na ɔfam a wɔato no nnyansramma soɔ ne nsuo kuruwa si n’atifi; na ɔdidii na ɔnomee, na ɔtɔɔ hɔ dae. 7 Na AWURADE bɔfoɔ sane bɛkaa no ne mprenu soɔ sɛ: Sɔre didi, na ɔkwan no ware papa ma wo. 8 Na ɔsɔre didii na ɔnomee, na ɔnantee aduane no ahoɔden mu adaduanan, awia ne anadwo de kɔduruu Nyankopɔn bepɔ Horeb ho. Onyankopɔn yi ne ho adi Horeb 9 Na ɔduruu ɔbodan no ho hɔ, na ɔsoɛɛ hɔ. Na hwɛ, AWURADE asɛm baa ne nkyɛn sɛ: Elia, ɛdeɛn na wowɔ yɛ wɔ ha? 10 Na ɔse: Ninkunu na matwe mama AWURADE, asafo Nyankopɔn, sɛ Israelfoɔ agya w’apam; w’afɔrebukyia no, wɔadwiridwiri, na w’adiyifoɔ nso, wɔde nkrantɛ akum wɔn; na me nko na maka, na wɔrehwehwɛ me aku me. 11 Na ɔkaa sɛ: Firi adi kɔgyina bepɔ no so AWURADE anim. Na hwɛ, AWURADE twaa mu, na mframa kɛseɛ a ɛyɛ den paepaee mmepɔ na ɛbubuu abotan dii AWURADE anim; nanso na ɛnyɛ mframa no mu na AWURADE wɔ; na mframa no akyiri no asasewosoɔ, na ɛnyɛ asasewosoɔ no mu na AWURADE wɔ; 12 na asasewosoɔ no akyiri no, ogya, na ɛnyɛ ogya no mu na AWURADE wɔ; na ogya no akyi no ɛnne bɔkɔɔ bi a. 13 Na ɛbaa sɛ Elia teeɛ no, ɔde ne ngusoɔ kataa n’anim, na ɔfiri kɔgyinaa ɔbodan no ano. Na hwɛ, ɛnne bi baa ne nkyɛn sɛ: Elia, ɛdeɛn na wowɔ yɛ wɔ ha? 14 Na ɔse: Ninkunu na matwe mama AWURADE, asafo Nyankopɔn, sɛ Israelfoɔ agya w’apam: W’afɔrebukyia no, wɔadwiridwiri, na w’adiyifoɔ nso, wɔde nkrantɛ akum wɔn; na me nko na maka, na wɔrehwehwɛ me aku me. 15 Na AWURADE ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ, sane si wo kwan so kɔ Damasko serɛ so; na sɛ woduru a, sra Hasael ngo si no Siria so hene; 16 na Nimsi ba Yehu nso, sra no ngo si Israel so hene; na Safat ba Elisa a ɔfiri Abel-mehola no deɛ, sra no si w’ananmu sɛ odiyifoɔ. 17 Na deɛ ɔbɛfiri Hasael nkrantɛ ano no, Yehu bɛku no, na deɛ ɔbɛfiri Yehu nkrantɛ ano no, Elisa bɛku no. 18 Nanso mɛgya Israel mu nnipa mpemnson, nkotodwe a ɛnnya nkutoo Baal, ne ano a ɛnnya mfee n’ano. Elisa frɛ 19 Ɛnna ɔfirii hɔ kɔeɛ. Na ɔkɔhunuu Safat ba Elisa sɛ ɔrefuntum; anantwie mpamho dummienu na ɛdi n’anim, na ɔno ne deɛ ɛtɔ so dummienu no na ɛrefuntum, na Elia sene baa ne nkyɛn, na ɔtoo ne ngusoɔ guu ne so. 20 Na ɔgyaa anantwie no hɔ, na ɔtuu mmirika dii Elia akyi kaa sɛ: Ma menkɔ kra m’agya ne me na, na memmɛdi w’akyi. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Kɔ na bra, na ɛdeɛn na mayɛ woɔ yi? 21 Na ɔsane firii n’akyi kɔfaa anantwie mpamho no kumm wɔn, na ɔde anantwie no adwumayɛ nnua no noaa nam no, na ɔde maa nkurɔfoɔ no, na wɔdii; na ɔsɔre kɔdii Elia akyi, na ɔsom no. |
The Bible Society of Ghana, 2012