Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Ahene 17 - New Revised Asante Twi Bible


Elia hyɛ ɔhaw ho nkɔm

1 Na Tisbini Elia a ɔfiri Gilead atubrafoɔ mu ka kyerɛɛ Ahab sɛ: Sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn a megyina n’anim te aseɛ yi, obosuo anaa osuo rentɔ mfeɛ yi mu gye sɛ ɛnam m’asɛm so!

2 Na AWURADE asɛm baa ne nkyɛn sɛ:

3 Firi ha kɔ, na dane wo ho kɔ apueeɛ, na kɔhunta asuo Kerit a ɛwɔ Yordan anim no ho.

4 Na wobɛnom asuo no mu nsuo, na mahyɛ anene sɛ wɔnhwɛ wo wɔ hɔ.

5 Na ɔsii mu kɔyɛɛ sɛdeɛ AWURADE asɛm no teɛ, na ɔkɔ kɔtenaa asuo Kerit a ɛwɔ Yordan apueeɛ no ho.

6 Na anene brɛɛ no paanoo ne nam anɔpa, ne anwummerɛ, na ɔnomm asuo no mu nsuo bi.

7 Na ɛbaa sɛ nna bi akyiri no, asuo no wee, ɛfiri sɛ osuo antɔ asase no so.


Elia wɔ Sarefat ɔbaa kunafoɔ bi nkyɛn

8 Na AWURADE asɛm baa ne nkyɛn sɛ:

9 Sɔre kɔ Sarefat a ɛyɛ Sidonfoɔ deɛ no, na kɔtena hɔ; na hwɛ, mahyɛ ɔbaa kunafoɔ bi wɔ hɔ sɛ ɔnhwɛ wo.

10 Na ɔsɔre kɔɔ Sarefat. Na ɔduruu kuro no pono ano no, na hwɛ, ɔbaa kunafoɔ no wɔ hɔ repɛ mmaboa. Na ɔfrɛɛ no ka kyerɛɛ no sɛ: Kɔsa nsuo kakra gu kuruwa mu brɛ me na mennom.

11 Na ɔrekɔ akɔsa no, ɔka kyerɛɛ no sɛ: Fa paanoo afono ma kura wo nsam brɛ me.

12 Na ɔse: Sɛ AWURADE wo Nyankopɔn te aseɛ yi, atodeɛ biara nni me nsam, gye esiam nsa ma a ɛwɔ kuruwa mu, ne ngo kakra a ɛwɔ toa mu, na hwɛ, merepɛ mmaboa mmienu bi makɔ makɔto, na me ne me ba adi na yɛawu.

13 Na Elia ka kyerɛɛ no sɛ: Nsuro, kɔyɛ sɛdeɛ woaka no, na kɔfa bi yɛ ɔfam ketewaa bi nso ma me kane, na fa brɛ me, na ɛno akyiri no yɛ wo ne wo ba deɛ.

14 Na sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn seɛ nie: Esiam kuruwa no so renhwan, na ngo toa no so rente de bɛkɔ akɔsi da a AWURADE bɛma osuo atɔ agu asase no soɔ.

15 Na ɔkɔ kɔyɛɛ sɛdeɛ Elia ka kyerɛɛ no no, na ɔdii, ɔno ne ɔbaa no ne ne fiefoɔ, nna pii;

16 na esiam kuruwa no so anhwan, na ngo toa no so ante, sɛdeɛ AWURADE asɛm a ɔnam Elia so kaeɛ no teɛ no.

17 Na nsɛm yi akyiri no, ɔbaa fiewura no babarima yaree, na ne yadeɛ no mu yɛɛ den pii kɔsii sɛ ɔwuiɛ.

18 Na ɔbaa no ka kyerɛɛ Elia sɛ: Wo Nyankopɔn nipa, ɛdeɛn na me ne wo wɔ yɛ? Wobaa me nkyɛn sɛ worebɛma wɔakae me bɔne na wɔakum me ba!

19 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Fa wo ba no brɛ me! Na ɔgyee no firii ne kokom de no kɔɔ abansoro pia a ɔte mu no mu, na ɔde no kɔtoo ne mpa so.

20 Na ɔteaa mu frɛɛ AWURADE sɛ: AWURADE me Nyankopɔn, ɔbaa kunafoɔ yi nso a mabɛsoɛ ne nkyɛn yi, wode mmusuo reba ne so sɛ worekum ne ba yi?

21 Na ɔtenee ne mu butuu abɔfra no so mprɛnsa, na ɔteaa mu frɛɛ AWURADE sɛ: AWURADE me Nyankopɔn, ma abɔfra yi kra nsane mmra ne mu.

22 Na AWURADE tiee Elia nne, na abɔfra no kra sane baa ne mu, na ɔnyaa nkwa.

23 Na Elia faa abɔfra no de no siane firii abansoro pia mu baa ɛdan no mu, na ɔde no brɛɛ ne na, na Elia se: Hwɛ, wo ba anya nkwa.

24 Na ɔbaa no ka kyerɛɛ Elia sɛ: Afei na mahunu sɛ Nyankopɔn nipa ne wo, na AWURADE asɛm a ɛwɔ w’anomu yɛ nokorɛ.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan