1 Ahene 16 - New Revised Asante Twi Bible1 Na AWURADE asɛm baa Hanani ba Yehu nkyɛn tiaa Baasa sɛ: 2 Ɛsiane sɛ mama wo so afiri mfuturo mu, na masi wo me man Israel so panin, na woafa Yeroboam kwan soɔ, na woama me man Israel ayɛ bɔne ama wɔde wɔn bɔne ahuru me bo yi nti, 3 hwɛ, merepra Baasa ne ne fie akɔ, na mɛyɛ wo fie sɛ Nebat ba Yeroboam fie. 4 Baasa busuani biara a ɔbɛwu kuro mu no, akraman na ɛbɛwe ne nam, na ne ho nipa biara a ɔbɛwu wiram no, ewiem nnomaa na ɛbɛdi ne nam. 5 Na Baasa ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ ne ne mmaninneɛ, wɔantwerɛ no Israel ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu? 6 Na Baasa toaa n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no Tirsa. Na ne ba Ela bɛdii n’adeɛ. 7 Nanso AWURADE asɛm nam Hanani ba Odiyifoɔ Yehu so ba tiaa Baasa ne ne fie, bɔne a ɔyɛɛ no AWURADE ani soɔ nyinaa, sɛ ɔde ne nsa ano adwuma yɛɛ sɛ Yeroboam fie no huruu ne boɔ ne kum a ɔkumm no ho. Ela di Israel so hene 8 Yudahene Asa afe a ɛtɔ so aduonu nsia mu na Baasa ba Ela bɛdii hene Tirsa mfeɛ mmienu. 9 Na n’akoa Simri, ne nteaseɛnam fa so safohene no, pamm ne tiri so. Na ɔwɔ Tirsa anom nsa abo wɔ Arsa a ɔdi ahemfie a ɛwɔ Tirsa no soɔ no fie. 10 Na Simri kɔɔ mu kɔbɔɔ no kumm no, Yudahene Asa afe a ɛtɔ so aduonu nson mu, na ɔdii n’adeɛ. 11 Na ɔbɛdii hene na ɔtenaa ahennwa soɔ ara pɛ no, ɔkumm Baasa fiefoɔ nyinaa, obusuani oo, adamfo oo, wannya ɔbarima biara amma no. 12 Na Simri sɛee Baasa fie nyinaa sɛ AWURADE asɛm a ɔnam Odiyifoɔ Yehu so ka tiaa Baasa, 13 wɔ Baasa bɔne nyinaa ne ne ba Ela bɔne a wɔyeyɛeɛ na wɔde maa Israel yɛɛ bɔne sɛ wɔde wɔn ahuhudeɛ huruu AWURADE, Israel Nyankopɔn, boɔ no ho. 14 Na Ela ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔantwerɛ no Israel ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu? Simri di Israel so hene 15 Yudahene Asa afe a ɛtɔ so aduonu nson mu na Simri bɛdii hene nnanson wɔ Tirsa. Na ɔman no akyere Gibeton a ɛyɛ Filistifoɔ deɛ no ho nsraban. 16 Na ɔman a wɔwɔ nsra mu no tee sɛ Simri akɔ apam na wakum ɔhene no, Israel nyinaa de ɔsahene Omri sii Israel so hene da no ara nsraban no mu. 17 Na Omri firi Gibeton foro bae, na Israel nyinaa ka ne ho, na wɔbɛtuaa Tirsa. 18 Na Simri hunuu sɛ wɔagye kuro no no, ɔkɔɔ ahemfie aban mu, na ɔde ogya hyee ahemfie no ne ne ho, na ɔwui 19 ne bɔne a ɔyɛeɛ, sɛ ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, sɛ ɔnantee Yeroboam kwan soɔ, ne ne bɔne a ɔyɛeɛ de maa Israel yɛɛ bɔne no mu nti. 20 Na Simri ho nsɛm nkaeɛ ne n’apam a ɔyɛeɛ no, wɔantwerɛ no Israel ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu? 21 Ɛno na Israel man mu paepaee afaafa mmienu. Ɔman no fa dii Ginat ba Tibni akyiri sɛ wɔbɛsi no hene, na ɔfa nso dii Omri akyi. 22 Na ɔman no fa a wɔdii Omri akyire no yɛ den sene ɔman no fa a wɔdii Ginat ba Tibni akyire; na wɔkumm Tibni, na Omri dii hene. Omri di Israel so hene 23 Yudahene Asa afe a ɛtɔ so aduasa baako mu na Omri bɛdii Israel so hene mfeɛ dummienu. Ɔdii hene Tirsa mfeɛ nsia. 24 Na ɔkɔtɔɔ Samaria bepɔ wɔ Semer hɔ, maa dwetɛ dwetikɛseɛ mmienu, na ɔkyekyeree bepɔ no so kuro, na ɔde bepɔ no wura Semer din too kuro a ɔkyekyereeɛ no. Ɛnne Samaria. 25 Na Omri yɛɛ AWURADE ani so bɔne, na ɔyɛɛ bɔne sene wɔn a wɔdii n’anim nyinaa. 26 Na ɔfaa Nebat ba Yeroboam kwan nyinaa ne ne bɔne a ɔde maa Israel yɛɛ bɔne no so, sɛ wɔde wɔn ahuhudeɛ bɛhuru AWURADE, Israel Nyankopɔn, no boɔ. 27 Na Omri ho nsɛm nkaeɛ, deɛ ɔyɛeɛ ne ne mmaninneɛ a ɔyɛeɛ no, wɔatwerɛ no Israel ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu. 28 Na Omri toaa n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no Samaria. Na ne ba Ahab bɛdii n’adeɛ. Ahab di Israel so hene 29 Na Omri ba Ahab bɛdii Israel so hene, Yudahene Asa afe a ɛtɔ so aduasa nwɔtwe mu. Na Omri ba Ahab dii Israel so hene Samaria mfirinhyia aduonu mmienu. 30 Na Omri ba Ahab yɛɛ AWURADE ani so bɔne sene wɔn a wɔdii n’anim nyinaa. 31 Na ɛyɛɛ hare maa no sɛ ɔbɛnante Nebat ba Yeroboam bɔne mu, na ɔkɔfaa Sidonfoɔ hene Etbaal babaa Isebel waree, na ɔkɔ kɔsomm Baal na ɔsɔree no. 32 Na ɔsii afɔrebukyia maa Baal wɔ Baal fie a ɔsii no Samaria. 33 Na Ahab yɛɛ Asera nnua, na Ahab yɛɛ pii sɛ ɔde bɛhuru AWURADE Israel Nyankopɔn bo asene Israel ahemfo a wɔdii n’anim nyinaa. 34 Ne berɛ so na Betelni Hiel kyekyeree Yeriko. N’abakan Abiram wui berɛ a ɔtoo fapem, na ne ba kumaa Segub nso wui berɛ a ɔsisii ano apono, sɛdeɛ AWURADE asɛm a ɔnam Nun ba Yosua so kaeɛ no teɛ. |
The Bible Society of Ghana, 2012