Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Ahene 15 - New Revised Asante Twi Bible


Abiam di Yuda so hene

1 Na Nebat ba Ɔhene Yeroboam afe a ɛtɔ so dunwɔtwe mu na Abiam bɛdii Yuda so hene.

2 Mfeɛ mmiɛnsa na ɔdii hene wɔ Yerusalem. Na ne na din ne Maaka a ɔyɛ Abisalom babaa.

3 Na ɔnantee n’agya bɔne a ɔyɛ dii n’anim nyinaa mu, na n’akoma anni mu AWURADE ne Nyankopɔn anim sɛ n’agya Dawid akoma.

4 Nanso Dawid nti, AWURADE ne Nyankopɔn maa no kanea wɔ Yerusalem, sɛ ɔbɛma ne ba so asi n’akyire, na wama Yerusalem agyina,

5 ɛfiri sɛ Dawid yɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so, na wammane amfiri biribiara a ɔhyɛɛ no ho, ne nkwa nna nyinaa, gye Hetini Uria asɛm no nko ara mu.

6 Na akodie daa Rehoboam ne Yeroboam ntam ne nkwa nna nyinaa.

7 Na Abiam ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔantwerɛ no Yuda ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu? Na akodie daa Abiam ne Yeroboam ntam.

8 Na Abiam toaa n’agyanom wɔ asamando; na wɔsiee no Dawid kuro mu; na ne ba Asa bɛdii n’adeɛ.


Asa di Yuda so hene

9 Na Israelhene Yeroboam afe a ɛtɔ so aduonu soɔ na Asa bɛdii Yuda so hene.

10 Na ɔdii hene mfirinhyia aduanan baako Yerusalem. Na ne na din ne Maaka a ɔyɛ Abisalom babaa.

11 Na Asa yɛɛ deɛ ɛtene AWURADE ani so sɛ n’agya Dawid.

12 Na ɔtutuu mmarima nnwamamfoɔ no firii asase no so, na ɔyiyii ahoni a n’agyanom yɛeɛ no nyinaa.

13 Na ne na Maaka nso, ɔtuu no firii ahemmaadie so, ɛfiri sɛ ɔyɛɛ ohoni bi maa Asera; na Asa twaa ne honi no kɔhyee no Kidron subonhwa mu.

14 Na sorɔnsorɔmmea no deɛ, wanyi, nanso Asa akoma dii mu AWURADE anim ne nna nyinaa.

15 Na ɔde n’agya akronkronneɛ ne ɔno ara n’akronkronneɛ baa AWURADE fie: Dwetɛ ne sika ne nnwinneɛ.

16 Na akodie bɛdaa Asa ne Israelhene Baasa ntam wɔn nna nyinaa.

17 Na Israelhene Baasa foro baa Yuda so, na ɔbɛkyekyeree Rama, sɛ ɔremma obi nni Yudahene Asa nkyɛn ahyɛmfire.

18 Ɛnna Asa faa dwetɛ ne sika a ɛkaa AWURADE fie akoradeɛ ne ɔhene fie akoradeɛ mu de hyɛɛ ne nkoa nsa, na Ɔhene Asa de somaa wɔn maa wɔkɔɔ Hesion ba Tabrimon ba Siriahene Ben-hadad a ɔte Damasko nkyɛn sɛ:

19 Ma apam nna me ne wo ntam, te sɛ m’agya ne w’agya ntam: Hwɛ, merebrɛ wo dwetɛ ne sika ayɛyɛdeɛ, na kɔ kɔbubu wo ne Israelhene Baasa apam no mu, na ɔmfiri me so nkɔ.

20 Na Ben-hadad tiee Ɔhene Asa, na ɔsomaa asafohene a ɔwɔ no maa wɔkɔko tiaa Israel nkuro, na ɔbɔɔ Iyon ne Dan ne Abel-bet-maaka ne Kinerot nyinaa ne Naftali asase nyinaa.

21 Na Baasa teeɛ no, ɔgyaee Rama kyekyerɛ, na ɔkɔtenaa Tirsa.

22 Ɛnna Ɔhene Asa maa wɔpaee no Yuda nyinaa, wɔanyi obiara amfiri mu, na wɔkɔsoaa Rama aboɔ ne nnua a Baasa de kyekyereeɛ no, na Ɔhene Asa de kyekyeree Geba-benyamin ne Mispa.

23 Na Asa ho nsɛm nyinaa nkaeɛ, ne ne mmaninneɛ nyinaa ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa ne nkuro a ɔkyekyereeɛ, wɔantwerɛ no Yuda ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu? Nanso ne nkɔkoraaberɛ mu no, ɔyaree ne nan.

24 Na Asa toaa n’agyanom wɔ asamando, na wɔsiee no n’agyanom nkyɛn, n’agya Dawid kuro mu. Na ne ba Yehosafat bɛdii n’adeɛ.


Nadab di Israel so hene

25 Na Yeroboam ba Nadab bɛdii Israel so hene, Yudahene Asa afe a ɛtɔ so mmienu mu. Na ɔdii Israel so hene mfeɛ mmienu.

26 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, na ɔnantee n’agya kwan ne ne bɔne a ɔde maa Israel yɛɛ bɔne no mu.

27 Na Ahia ba Baasa a ɔfiri Isakar fie no pam ne tiri so; na Baasa bɔɔ no wɔ Gibeton a ɛyɛ Filistifoɔ dea hɔ; nso na Nadab ne Israel nyinaa retua Gibeton.

28 Na Baasa kumm no, Yudahene Asa afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu, na ɔdii n’adeɛ.

29 Na ɔbɛdii hene no pɛ, ɔbɔɔ Yeroboam fie nyinaa, wannya obiara a ɔhome amma Yeroboam de kɔsii sɛ ɔsɛee no, sɛ AWURADE asɛm a ɔnam n’akoa Siloni Ahia so kaeɛ

30 wɔ Yeroboam bɔne a ɔyɛeɛ na ɔde maa Israel yɛɛ bɔne no ne abohuro a ɔde huruu AWURADE Israel Nyankopɔn bo no nti.

31 Na Nadab ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa, wɔantwerɛ no Israel ahemfo berɛsosɛm nwoma no mu?

32 Na akodie bɛdaa Asa ne Israelhene Baasa ntam wɔn nna nyinaa.


Baasa di Israel so hene

33 Yudahene Asa afe a ɛtɔ so mmiɛnsa mu na Ahia ba Baasa bɛdii Israel nyinaa so hene Tirsa. Na ɔdii adeɛ mfeɛ aduonu nnan.

34 Na ɔyɛɛ AWURADE ani so bɔne, na ɔnantee Yeroboam kwan ne ne bɔne a ɔde maa Israel yɛɛ bɔne no mu.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan