Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

1 Ahene 13 - New Revised Asante Twi Bible


Odiyifoɔ bi a ɔkasa tiaa Betel

1 Na hwɛ, Nyankopɔn nipa bi firi Yuda nam AWURADE asɛm so baa Betel, na Yeroboam gyina afɔrebukyia no ho rebɛhye aduhwam.

2 Na ɔnam AWURADE asɛm so teaa mu tiaa afɔrebukyia no sɛ: Afɔrebukyia, afɔrebukyia, sɛ AWURADE seɛ nie: Hwɛ, wɔbɛwo ɔba ama Dawid fie a ne din de Yosia, na wo so na ɔde sorɔnsorɔmmea asɔfoɔ a wɔhye wo so aduhwam bɛbɔ afɔdeɛ, na wahye nnipa nnompe wɔ wo so.

3 Na ɔmaa nsɛnkyerɛnneɛ da no ara sɛ: Yei ne nsɛnkyerɛnneɛ sɛ AWURADE na aka, hwɛ, afɔrebukyia no bɛbubu, na nso a ɛwɔ soɔ no ahwie agu.

4 Na ɔhene tee Nyankopɔn nipa no asɛm a ɔteaa mu tiaa afɔrebukyia a ɛwɔ Betel no, Yeroboam tenee ne nsa firii afɔrebukyia no so kaa sɛ: Monkye no. Na ne nsa a ɔtenee no ne soɔ no senee kyerebann, na wantumi antwe amma ne ho.

5 Na afɔrebukyia no bubui, na nso no firii afɔrebukyia no so gui, sɛdeɛ nsɛnkyerɛnneɛ a Nyankopɔn nipa no de AWURADE asɛm kaeɛ no teɛ no.

6 Ɛnna ɔhene srɛɛ Nyankopɔn nipa no sɛ: Afei pa AWURADE wo Nyankopɔn kyɛw na srɛ ma me, na me nsa nsane mmra me ho. Na Nyankopɔn nipa no paa AWURADE kyɛw, na ɔhene nsa no sane baa ne ho, na ɛyɛɛ sɛ kane no.

7 Ɛnna ɔhene ka kyerɛɛ Nyankopɔn nipa no sɛ: Wo ne me nkɔ fie, na kɔdwodwo wo ho, na mɛkyɛ wo adeɛ.

8 Na Nyankopɔn nipa no ka kyerɛɛ ɔhene no sɛ: Sɛ wode wo fie fa bɛma me mpo a, me ne wo renkɔ, na merenni aduane, nso merennom nsuo ɛha yi,

9 ɛfiri sɛ wɔde AWURADE asɛm hyɛɛ me sɛ: Nni aduane na nnom nsuo wɔ hɔ, na nsane mfa ɔkwan a wonam so kɔeɛ no so.

10 Na ɔfaa ɔkwan foforɔ so, a wansane amfa ɔkwan a ɔnam so kɔɔ Betel no so.

11 Nso na odiyifoɔ akɔkoraa bi te Betel; na ne mma kɔkaa no nneyɛɛ a Nyankopɔn nipa no bɛyɛɛ no Betel da no; nsɛm a ɔkaa ɔhene no nso, wɔkɔka kyerɛɛ wɔn agya.

12 Na wɔn agya no bisaa wɔn sɛ: Ɔkwan bɛn so na ɔfaeɛ? Na ne mma no hunuu ɔkwan a Nyankopɔn nipa a ɔfiri Yuda baeɛ no faa soɔ.

13 Na ɔka kyerɛɛ ne mma sɛ: Monhyehyɛ afunumu no mma me. Na wɔhyehyɛɛ afunumu no maa no, na ɔtenaa so,

14 na ɔsii mu tii Nyankopɔn nipa no, na ɔkɔtoo no sɛ ɔte odum kɛseɛ no aseɛ. Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Wone Nyankopɔn nipa a wofiri Yuda baeɛ no? Na ɔse: Mene no.

15 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Wone me nkɔ fie na kɔdidi.

16 Na ɔse: Mentumi ne wo nsane na me ne wo nkɔ, nso merennidi na me ne wo rennom nsuo ɛha yi, na wɔnam AWURADE asɛm so see me sɛ:

17 Nni aduane na nnom nsuo hɔ, nsane mfa ɔkwan a wonam so kɔeɛ no so.

18 Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: Me nso meyɛ odiyifoɔ sɛ wo, na ɔbɔfoɔ bi nam AWURADE asɛm so aka akyerɛ me sɛ: Kɔsane no na ɔne wo mmra wo fie, na ɔmmɛdi aduane na ɔnnom nsuo. Nanso atorɔ na ɔdi kyerɛɛ no.

19 Ɛnna ɔne no saneeɛ, na ɔkɔdidii ne fie, na ɔnom nsuo.

20 Na wɔte pono ho no, AWURADE asɛm baa odiyifoɔ a ɔkɔsanee no baeɛ no nkyɛn,

21 na ɔteaa mu kyerɛɛ Nyankopɔn nipa a ɔfiri Yuda baeɛ no sɛ: Sɛ AWURADE seɛ nie: Ɛnam sɛ woate AWURADE anomu asɛm ho atua na woanni mmara asɛm a AWURADE wo Nyankopɔn hyɛɛ woɔ no soɔ,

22 na woasane abɛdidi na woanom nsuo faako a wɔka kyerɛɛ wo sɛ: Nnidi na nnom nsuo, no nti, wo funu renkɔ w’agyanom da mu.

23 Na ɔdidiiɛ na ɔnomm nsuo wieeɛ no, ɔhyehyɛɛ afunumu no maa odiyifoɔ a ɔkɔsanee no baeɛ no,

24 na ɔkɔeɛ; na gyata hunuu no ɔkwan no mu, na ɔkumm no, na ne funu no da ɔkwan no mu, na afunumu no gyina nkyɛn, na gyata no nso gyina efunu no ho.

25 Na hwɛ, sɛ nnipa retwam, na wɔhunu efunu a ɛda ɔkwan no mu, ne gyata a ɔgyina efunu no ho no a, wɔkɔ kɔka no kuro a odiyifoɔ akɔkoraa no te mu no mu.

26 Na odiyifoɔ a ɔkɔsanee no firii ɔkwan no soɔ no teeɛ no, ɔkaa sɛ: Nyankopɔn nipa a ɔtee AWURADE anomu asɛm ho atua no ne no, na AWURADE de no ama gyata no ama no atete ne mu aku no, sɛ AWURADE asɛm a ɔka kyerɛɛ no no teɛ no.

27 Na ɔka kyerɛɛ ne mma sɛ: Monhyehyɛ afunumu no mma me. Na wɔhyehyɛɛ no.

28 Na ɔkɔ kɔhunuu efunu no sɛ ɛda ɔkwan no mu, na afunumu no ne gyata no gyinagyina efunu no ho. Gyata no nwee funu no, na ɔmpiraa afunumu no nso.

29 Na odiyifoɔ no maa Nyankopɔn nipa no funu no so de no saneeɛ, na odiyifoɔ akɔkoraa no de no kɔɔ ne kuro mu, sɛ ɔrekɔgyam no na wasie no.

30 Na ɔde ne funu no too ne da mu, na wɔgyamm no sɛ: Due, me nua!

31 Na ɔwiee no sie no, ɔka kyerɛɛ ne mma sɛ: Sɛ mewu a, monsie me ɛda a wɔasie Nyankopɔn nipa no mu no mu, momfa me nnompe nto ne nnompe ho.

32 Na asɛm a ɔnam AWURADE asɛm so teaa mu tiaa afɔrebukyia a ɛwɔ Betel no ne sorɔnsorɔmmea afie a ɛwɔ Samaria nkuro mu no nyinaa, ɛbɛba mu ampa.

33 Asɛm yi akyiri no, Yeroboam ansane amfiri ne kwammɔne so, na ɔsane faa ɔman no mu baabiara nnipa sisii sorɔnsorɔmmea asɔfoɔ; obiara a ɔpɛ no, ɔde asɔfodeɛ hyɛ ne nsa ma ɔyɛ sorɔnsorɔmmea asɔfoɔ no bi.

34 Na asɛm yi danee Yeroboam fie bɔne a enti wɔdwerɛɛ wɔn na wɔsɛee wɔn firii asase ani.

The Bible Society of Ghana, 2012

Bible Society of Ghana
Lean sinn:



Sanasan