1 Ahene 12 - New Revised Asante Twi BibleAhennie no mu paepae 1 Na Rehoboam sii mu kɔɔ Sekem; na Sekem na Israel nyinaa aba sɛ wɔrebɛsi no hene. 2 Na Nebat ba Yeroboam teeɛ no, ɔno deɛ, (na ɔda so wɔ Misraim a ɔdwane firii Ɔhene Salomo anim kɔɔ hɔ no), na ɔte Misraim, 3 na wɔsoma maa wɔkɔhyiaa no bae, na Yeroboam ne Israel asafo nyinaa baeɛ no, wɔbɛka kyerɛɛ Rehoboam sɛ: 4 W’agya maa yɛn kɔnnua yɛɛ duru, na wo deɛ, afei yi w’agya ɔsom denden ne ne kɔnnua duruduro a ɔde too yɛn soɔ no so ma no nyɛ hare, na yɛnsom wo. 5 Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Monkɔ, na nnansa monsane mmra me nkyɛn. Na ɔman no kɔe. 6 Na Ɔhene Rehoboam ne mpanimfoɔ a n’agya Salomo da so te aseɛ no, na wɔyɛ n’afotufoɔ no tuu agyina sɛ: Ɛfoɔ bɛn na moretu me na mede mabua ɔman yi? 7 Na wɔka kyerɛɛ no sɛ: Sɛ ɛnnɛ woyɛ akoa ma ɔman yi na wosom wɔn na wobua wɔn na woka wɔn asɛmpa a, ɛnneɛ wɔbɛyɛ wo nkoa nna nyinaa. 8 Na ɔgyaa mpanimfoɔ fo a wɔtuu no no, na ɔne mmeranteɛ a wɔne no nyiniiɛ a wɔyɛ n’afotufoɔ no kɔtuu agyina, 9 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: Ɛfoɔ bɛn na mo nso motuo, na yɛde abua ɔman yi a wɔbɛka kyerɛɛ me sɛ: Yi kɔnnua a w’agya de too yɛn kɔn soɔ no so ma no nyɛ hare, no? 10 Na mmeranteɛ a wɔne no nyiniiɛ no ka kyerɛɛ no sɛ: Sei na ka kyerɛ ɔman yi a wɔbɛka kyerɛɛ wo sɛ: W’agya maa yɛn kɔnnua yɛɛ duru, na wo deɛ, yɛ no hare ma yɛn no, sei na ka kyerɛ wɔn: Me kɔkorɔmmɔto so sene m’agya asene, 11 na afei, m’agya de kɔnnua duruduro soaa mo, na me deɛ, mɛto mo kɔnnua no so; m’agya de mpire na ɛhwee mo, na me deɛ, mede anyanyankyerɛ na ɛbɛhwe mo. 12 Na Yeroboam ne ɔman no nyinaa san baa Rehoboam nkyɛn da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, sɛdeɛ ɔhene kaeɛ sɛ: Da a ɛtɔ so mmiɛnsa no, monsane mmra me nkyɛn, no. 13 Na ɔhene de asɛmdenden buaa ɔman no, na ɔgyaa mpanimfoɔ no fo a wɔtuu no no, 14 na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛdeɛ mmeranteɛ no tuu no foɔ no, sɛ: M’agya maa mo kɔnnua yɛɛ duru, na me deɛ, mɛto mo kɔnnua no so. M’agya de mpire na ɛhwee mo, na me deɛ, mede anyanyankyerɛ na ɛbɛhwe mo. 15 Na ɔhene antie ɔman no, ɛfiri sɛ AWURADE na ɔdanee no saa, sɛ ɔbɛma n’asɛm a AWURADE nam Siloni Ahia so ka kyerɛɛ Nebat ba Yeroboam no aba mu. 16 Na Israel nyinaa hunuu sɛ ɔhene antie wɔn no, ɔman no buaa ɔhene sɛ: Kyɛfa bɛn na yɛwɔ no Dawid mu? Yɛnni agyapadeɛ bi Yisai ba no mu, monkɔ mo afie mu, Israel, afei Dawid, hwɛ wo ara wo fie so. Ɛnna Israel sii mu kɔɔ wɔn afie. 17 Na Israelfoɔ a wɔtete Yuda nkuro mu no deɛ, Rehoboam dii wɔn so hene. 18 Na Ɔhene Rehoboam somaa Adoram a ɔdi ɔhyɛ adwumayɛ toɔ soɔ no; na Israel nyinaa sii no aboɔ maa no wuiɛ. Ɛnna Ɔhene Rehoboam yɛɛ ntɛm faa teaseɛnam sɛ ɔredwane aba Yerusalem. 19 Ɛno nti Israel wae firii Dawid fie ho de bɛsi nnɛ. 20 Na Israel nyinaa tee sɛ Yeroboam asane aba no, wɔsoma maa wɔkɔhyiaa no baa asafo no mu, na wɔsii no Israel nyinaa so hene; obiara nni hɔ a ɔdii Dawid fie akyire sɛ Yuda abusuakuo nko. 21 Na Rehoboam duruu Yerusalem no, ɔboaboaa Yuda fie nyinaa ne Benyamin abusuakuo ano, nnipa a wɔayi wɔn a wɔtu sa mpemha aduɔwɔtwe sɛ ɔne Israel fie rekɔko, na wɔadane ahennie no ama Salomo ba Rehoboam. 22 Na Nyankopɔn asɛm baa Nyankopɔn nipa Semaia nkyɛn sɛ: 23 Ka kyerɛ Salomo ba Rehoboam, Yuda hene, ne Yuda ne Benyamin fie nyinaa ne ɔman no nkaeɛ sɛ: 24 Sɛ AWURADE seɛ nie: Mommforo nnkɔ na mo ne mo nuanom Israel nnkɔko, monsane nkɔ mo afie; na me na asɛm yi firi me. Na wɔtiee AWURADE asɛm no, na wɔsane kɔe, sɛdeɛ AWURADE asɛm no seɛ no. Yeroboam abosonsom 25 Na Yeroboam kyekyeree Sekem, Efraim bepɔ so tenaa mu; na ɔfirii hɔ kɔkyekyeree Penuel. 26 Na Yeroboam see n’akoma mu sɛ: Afei na ahennie no bɛsane akɔ Dawid fie, 27 sɛ ɔman yi foro kɔbɔ afɔdeɛ AWURADE fie Yerusalem a, ɛnneɛ ɔman yi akoma bɛdane akɔ wɔn wura Rehoboam, Yuda hene nkyɛn, na wɔaku me, na wɔasane akɔ Yudahene Rehoboam nkyɛn. 28 Na ɔhene no tuu agyina, na ɔyɛɛ sika nantwie mma mmienu, na ɔka kyerɛɛ ɔman no sɛ: Moaforo akɔ Yerusalem bi ara! Israel, hwɛ wo anyame a ɔde wo firi Misraim baeɛ nie. 29 Na ɔde baako kɔsii Betel na ɔde baako nso kɔsii Dan. 30 Na asɛm yi danee bɔne, na ɔman no fa kɔɔ baako yi anim wɔ Dan, na baako no nso kɔɔ Betel. 31 Na ɔyɛɛ sorɔnsorɔmmea fie, na ɔde ɔman no nyinaa mu nnipa a wɔmfiri Lewi mma mu sisii asɔfoɔ. 32 Na Yeroboam hyɛɛ dapɔnna bosome a ɛtɔ so nwɔtwe mu, bosome no da a ɛtɔ so dunum so, sɛ dapɔnna a wɔdi no Yuda no, na ɔbɔɔ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no so. Saa na ɔyɛɛ no Betel, ɔbɔɔ afɔdeɛ maa nantwie mma a ɔyɛeɛ no, na ɔde sorɔnsorɔmmea a ɔyɛeɛ no asɔfoɔ duaa Betel. 33 Na ɔbɔɔ afɔdeɛ afɔrebukyia a ɔyɛɛ no Betel no so, bosome a ɛtɔ so nwɔtwe da a ɛtɔ so dunum no so, bosome a ɔno nko ara bɔɔ ne tirim hyɛeɛ no mu, na ɔhyɛɛ dapɔnna maa Israelfoɔ, na ɔbɔɔ afɔdeɛ wɔ afɔrebukyia no so, na ɔhyee aduhwam. |
The Bible Society of Ghana, 2012