1 Ahene 11 - New Revised Asante Twi BibleSalomo yerenom ne n’abosonsom 1 Na Ɔhene Salomo dɔɔ aman foforɔ so mmaa bebree kaa Farao babaa no ho, wɔne Moabfoɔ, Amonfoɔ, Edomfoɔ, Sidonfoɔ ne Hetifoɔ mmaa 2 a wɔfiri amanaman a AWURADE kaa wɔn ho asɛm kyerɛ Israelfoɔ sɛ: Monnkɔ wɔn mu awareɛ na wɔn nso mmma mo mu, na wɔankom mo akoma anni wɔn anyame no akyi; wɔn na Salomo bataa wɔn ho ɔdɔ mu. 3 Na ɔwɔ yerenom, ahenemma ahanson ne mpenafoɔ nso ahasa; na ne yerenom no maa ɔdanee n’akoma firii Onyankopɔn ho. 4 Na ɛbaa sɛ, Salomo nkɔkoraa berɛ mu no, ne yerenom danee n’akoma kɔdii anyame foforɔ akyi, na n’akoma anni mu AWURADE ne Nyankopɔn ho sɛ n’agya Dawid akoma. 5 Na Salomo kɔdii Sidonfoɔ nyamewa Astoret ne Amonfoɔ Milkom a ɛyɛ akyiwadeɛ no akyi. 6 Na Salomo yɛɛ deɛ ɛyɛ AWURADE ani so bɔne, na wantumi anni AWURADE akyiri sɛ n’agya Dawid. 7 Ɛno mu na Salomo sii sorɔnsorɔmmea maa Moabfoɔ Kemos a ɛyɛ akyiwadeɛ, bepɔ a ɛwɔ Yerusalem apueeɛ so, ne Amon mma Molek a ɛyɛ akyiwadeɛ. 8 Na saa na ɔyɛ maa ne yerenom ananafoɔ ma wɔhyee aduhwam na wɔbɔɔ afɔdeɛ maa wɔn anyame no nyinaa. 9 Na AWURADE bo fuu Salomo, ɛfiri sɛ n’akoma adane afiri AWURADE, Israel Nyankopɔn a wayi ne ho akyerɛ no mprenu 10 na wahyɛ no asɛm yi ho mmara sɛ ɔnnkɔdi anyame foforɔ akyi; nanso wanni deɛ AWURADE hyɛɛ no no so. 11 Na AWURADE ka kyerɛɛ Salomo sɛ: Ɛsiane sɛ yei wɔ w’adwene mu, na woanni m’apam ne m’ahyɛdeɛ a mehyɛɛ woɔ no soɔ nti, teɛ na mɛte ahennie no mafiri wo nsam, na mede mama w’akoa. 12 Nanso wo berɛ so deɛ, merenyɛ, ɛsiane w’agya Dawid nti, na wo ba nsam na mɛte afire; 13 nanso m’akoa Dawid ne Yerusalem a mafa no nti, merente ahennie no nyinaa, na mede abusuakuo baako bɛma wo ba. Salomo atamfoɔ ne ne wuo 14 Na AWURADE maa ɔperedifoɔ bi, Edomni Hadad, sɔre tiaa Salomo; ɔfiri ɔhene asefoɔ mu wɔ Edom. 15 Ɛberɛ a na Dawid wɔ Edom na ɔsahene Yoab kɔɔ sɛ ɔrekɔsie wɔn a wɔatotɔ no, ɔkumm Edom mmarima nyinaa, 16 (na Yoab ne Israel nyinaa tenaa hɔ abosome nsia kɔsii sɛ ɔkumm Edom mmarima nyinaa). 17 Na Hadad ne Edom mmarima bi a wɔfiri n’agya nkoa mu dwane kɔɔ Misraim; saa berɛ no na Hadad yɛ abɔfra kumaa. 18 Na wɔsɔre firii Midian, na wɔkɔduruu Paran; na wɔfaa mmarima bi wɔ Paran kaa wɔn ho, na wɔkɔɔ Misraim, Misraimhene Farao nkyɛn; na ɔmaa no efie na ɔhyɛɛ aduane a wɔmma no, na wɔmaa no asase nso. 19 Na Hadad nyaa Farao anim animuonyam pii, na ɔde ne yere Tapenes nua, maa no awareɛ. 20 Na Tapenes nua woo ne babarima Genubat maa no, na Tapenes twaa no nufoɔ Farao fie, na Genubat wɔ Farao fie, Farao mma mu. 21 Na Hadad tee no Misraim sɛ Dawid ne n’agyanom akɔda na ɔsahene Yoab nso awuo no, Hadad ka kyerɛɛ Farao sɛ: Gya me kwan ma menkɔ m’asase so. 22 Ɛnna Farao bisaa no sɛ: Na ɛdeɛn na ɛhia wo me nkyɛn ha na worehwehwɛ w’asase so akorɔ yi? Na ɔbuaa sɛ: Ɛnyɛ biribiara, nanso gya me kwan ma menkɔ. 23 Na Onyankopɔn maa ɔtamfoɔ bi, Eliada ba Reson a ɔdwane firii ne wura Hadad-eser, Sobahene, nkyɛn no sɔre tiaa no. 24 Ɔno na ɔboaa mmarima ano, na ɔyɛɛ asafo no so safohene, berɛ a Dawid kumm Sobafoɔ no; na wɔkɔɔ Damasko kɔtenaa hɔ, na ɔdii hene Damasko. 25 Na ɔyɛɛ Israel tamfoɔ Salomo nna nyinaa, kaa bɔne a Hadad yɛeɛ no ho; na ɔkyirii Israel, na ɔdii Siria so hene. 26 Na Nebat ba Yeroboam, Efratini a ɔfiri Sereda a ɔyɛ Salomo akoa, na ne na din de Serua, ɔbaa kunafoɔ bi, nso tee ɔhene so atua. 27 Na deɛ ɛmaa no tee ɔhene so atua ne sɛ: Salomo kyekyeree Milo na ɔtuatuaa n’agya Dawid kuro ho fasuo mu. 28 Na ɔbarima Yeroboam no yɛ ɔbarima a ɔyɛ nnam, na Salomo hunuu aberanteɛ no sɛ ɔyɛ ɔdeyɛfoɔ no, ɔmaa no yɛɛ Yosef fie adwumayɛfoɔ no nyinaa so hwɛfoɔ. 29 Na berɛ no mu, Yeroboam firi Yerusalem rekorɔ no, Odiyifoɔ Ahia, Siloni, bɛhunuu no ɔkwan no so; nso na ɔfira ntoma foforɔ, na wɔn mmienu pɛ na na ɛwɔ wiram hɔ. 30 Na Ahia sɔɔ ntoma foforɔ a ɛfira no no mu, na ɔsunsuanee mu asinasini dummienu, 31 na ɔka kyerɛɛ Yeroboam sɛ: Yi asinasini du fa, na sɛ AWURADE Israel Nyankopɔn seɛ nie: Hwɛ, merebɛte ahennie no mafiri Salomo nsam, na mede mmusuakuo du mama wo. 32 Na m’akoa Dawid ne kuro Yerusalem a mafa afiri Israel mmusuakuo nyinaa mu no nti, abusuakuo baako na ɛbɛyɛ ne deɛ; 33 ɛsiane sɛ wɔagya me na wɔakɔsɔre Sidonfoɔ nyamewa Astoret ne Moabfoɔ nyame Kemos ne Amon mma nyame Milkom, na wɔannante m’akwan mu sɛ ɔbɛyɛ deɛ ɛtene m’ani soɔ ne m’ahyɛdeɛ ne m’atemmudeɛ sɛ n’agya Dawid. 34 Nanso merennye ne nsam ahennie no nyinaa, na m’akoa Dawid a mafa no a ɔdii me mmara nsɛm ne m’ahyɛdeɛ soɔ no nti, mɛsi no ɔman so panin ne nkwa nna nyinaa. 35 Na mɛgye ahennie no ne ba nsam, na mede mmusuakuo du mama wo. 36 Na ne ba no, mede abusuakuo baako bɛma no, deɛ ɛbɛyɛ na kanea atena hɔ ama m’akoa Dawid nna nyinaa wɔ m’anim Yerusalem kuro a mayi mafa sɛ mede me din bɛto hɔ no mu. 37 Na wo na mɛfa wo mama woadi hene sɛdeɛ wo kra pɛ nyinaa, na woayɛ Israel so hene. 38 Na sɛ wotie deɛ mɛhyɛ woɔ nyinaa na wonante m’akwan so na woyɛ deɛ ɛtene m’ani soɔ, sɛ wobɛdi m’ahyɛdeɛ ne me mmara nsɛm soɔ sɛdeɛ m’akoa Dawid yɛeɛ no a, ɛnneɛ mɛdi w’akyi na masi efie a ɛtim hɔ mama wo; sɛdeɛ mesi memaa Dawid no, na mede Israel mama wo. 39 Na yei nti mɛbrɛ Dawid asefoɔ ase, nanso ɛnyɛ nna nyinaa. 40 Na Salomo hwehwɛɛ sɛ ɔkum Yeroboam; na Yeroboam sɔre dwane kɔɔ Misraim, Misraimhene Sisak nkyɛn; na ɔtenaa Misraim kɔsii sɛ Salomo wuiɛ. 41 Na Salomo ho nsɛm nkaeɛ ne deɛ ɔyɛeɛ nyinaa ne ne nyansa no, wɔatwerɛ no Salomo ho nsɛm nwoma no mu. 42 Na nna a Salomo de dii hene Yerusalem Israel nyinaa soɔ yɛ mfirinhyia aduanan. 43 Na Salomo tii ne nananom wɔ asamando, na wɔsiee no n’agya Dawid kuro mu; na ne ba Rehoboam bɛdii n’adeɛ. |
The Bible Society of Ghana, 2012