Yosua 16 - Asante Twi Nkwa AsɛmEfraim Ne Manase Agyapadeɛ 1 Yosef asefoɔ no kyɛfa firi Asubɔnten Yordan fa a ɛbɛn Yeriko, wɔ Yeriko nsuwa no apueeɛ fam, kɔfa ɛserɛ no so kɔpue Bet-El bepɔ asase no so. 2 Ɛfiri Bet-El (a ɛyɛ Lus) a, ɛfa Atarot a ɛwɔ Arkifoɔ mantam mu. 3 Esiane fa atɔeɛ fam kɔsi Bet-Horon Anafoɔ a ɛwɔ Yafletifoɔ mantam mu. Ɛtoa so kɔ Geser na afei akɔsi Ɛpo Kɛseɛ no mu. 4 Yosef mmammarima Manase ne Efraim mmusua nyaa wɔn agyapadeɛ. Asase A Wɔde Maa Efraim 5 Wɔde saa asase yi maa Efraim mmusua sɛ wɔn agyapadeɛ. Wɔn agyapadeɛ no ɛhyeɛ a ɛwɔ apueeɛ fam no firi Atarot-Adar. Ɛfiri hɔ kɔ Bet-Horon Soro, 6 na akɔ Ɛpo Kɛseɛ no ho. Atifi fam ɛhyeɛ no firi Ɛpo Kɛseɛ no, ɛfa apueeɛ fam, twam wɔ Mikmetat, na akontono afa apueeɛ fam, atwam wɔ Taanat-Silo akɔ Yanoa apueeɛ fam. 7 Ɛfiri Yanoa a, ɛdane fa anafoɔ fam kɔ Atarot ne Naara, ɛka Yeriko, na akɔpem Asubɔnten Yordan. 8 Ɛfiri Tapua a, ɛhyeɛ no kɔ atɔeɛ fam, nam Kana Suka no mu kɔsi Ɛpo Kɛseɛ no. Saa agyapadeɛ yi na wɔde maa mmusua a wɔbɔ mu yɛ Efraim abusuakuo no. 9 Wɔde nkuro bi ne wɔn nkuraaseɛ a ɛwɔ Manase abusuakuo no fa mantam mu maa Efraim. 10 Wɔampamo Kanaanfoɔ no amfiri Geser, enti Geserfoɔ te hɔ sɛ nkoa bɛsi ɛnnɛ. |
Asante Twi Nkwa Asɛm™
Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.
Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.
Asante Twi Contemporary Bible™
Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.
Used with permission. All rights reserved worldwide.
Biblica, Inc.