Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yosua 12 - Asante Twi Nkwa Asɛm


Ahemfo A Wɔdii Wɔn So Wɔ Yordan Apueeɛ Fam

1 Yeinom ne ahemfo a wɔwɔ Asubɔnten Yordan apueeɛ fam a wɔkunkumm wɔn na wɔfaa wɔn nsase. Wɔn nsase no firi Arnon Subɔnhwa kɔsi Bepɔ Hermon so a Yordan Bɔnhwa asase a ɛwɔ apueeɛ fam nyinaa ka ho.

2 Wɔdii Amorifoɔhene Sihon a na ɔte Hesbon so. Na nʼahemman bi ne Aroer a ɛwɔ Arnon Subɔnhwa ano na ɛtene firi ne mfimfini kɔsi Asubɔnten Yabok a ɛda hɔ sɛ ɛhyeɛ ma Amorifoɔ no. Ɛnnɛ yi, Gilead fa a ɛda Asubɔnten Yabok atifi no ka ɔmantam no ho.

3 Ɛfiri Yordan bɔnhwa atifi a ɛbɛn Galilea ɛpo no atɔeɛ fam mpoano na ɛsiane ba anafoɔ fam bɛsi Nkyene Ɛpo, firi Bet-Yesimot kɔsi Pisga nsianeɛ so hyɛɛ Sihon ase.

4 Basanhene Og a ɔtwa Refaimfoɔ to no tenaa Astarot ne Edrei asase so.

5 Na ɔdii ɔhene wɔ ɔman a ɛfiri Bepɔ Hermon so de kɔsi Saleka wɔ atifi fam ne Basan a ɛwɔ apueeɛ fam nyinaa, de kɔ atɔeɛ fam kɔsi Gesurfoɔ ne Maakatfoɔ ahemman ɛhyeɛ so. Gilead fa a ɛwɔ atifi fam, ne ɛfa a aka a na ɛwɔ Hesbonhene Sihon asase mu no ka ho.

6 Na Mose a ɔyɛ Awurade ɔsomfoɔ no ne Israelfoɔ atɔre ɔhene Sihon ne ɔhene Og nkurɔfoɔ ase. Mose de wɔn asase maa Ruben ne Gad mmusuakuo ne Manase abusua fa no.


Yordan Apueeɛ Fam Ahemfo A Wɔdii Wɔn So

7 Saa ahemfo a wɔn din didi soɔ yi na Yosua ne Israel akodɔm dii wɔn so wɔ Yordan atɔeɛ fam firi Baal-Gad wɔ Lebanon bɔnhwa mu de kɔsi Halak bepɔ a ɛkɔsi Seir no. Na Yosua de asase no maa Israel mmusuakuo no sɛ wɔn agyapadeɛ,

8 a ɛne bepɔ so ɔman, atɔeɛ fam nkokoɔ, Yordan Bɔnhwa, mmepɔ mmepɔ nsianeɛ, Yudea ɛserɛ so ne Negeb. Nnipa a na wɔte saa beaeɛ hɔ no yɛ Hetifoɔ, Amorifoɔ, Kanaanfoɔ, Perisifoɔ, Hewifoɔ ne Yebusifoɔ. Yeinom ne ahemfo a Israel dii wɔn so nkonim:

9 Yerikohene baako Ai a ɛbɛn Bet-El ɔhene baako

10 Yerusalemhene baako Hebronhene baako

11 Yarmuthene baako Lakishene baako

12 Eglonhene baako Geserhene baako

13 Debirhene baako Gederhene baako

14 Hormahene baako Aradhene baako

15 Libnahene baako Adulamhene baako

16 Makedahene baako Bet-Elhene baako

17 Tapuahene baako Heferhene baako

18 Afekhene baako Lasaronhene baako

19 Madonhene baako Hasorhene baako

20 Simronhene baako Aksafhene baako

21 Taanakhene baako Megidohene baako

22 Kedeshene baako Yokneam a ɛwɔ Karmel ase ɔhene baako

23 Dor a ɛwɔ Dor kokoɔ so ɔhene baako amanaman a ɛwɔ Gilgal no ɔhene baako

24 Tirsahene baako Ahemfo a wɔsɛee wɔn ne wɔn nkuro nyinaa ano si aduasa baako.

Asante Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Asante Twi Contemporary Bible™

Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan