Yona 3 - Asante Twi Nkwa AsɛmYona Kɔ Ninewe 1 Afei, Awurade asɛm baa Yona nkyɛn ne mprenu so sɛ, 2 “Kɔ Ninewe kuropɔn kɛseɛ no mu, na kɔpae mu ka asɛm a mede rema wo yi.” 3 Yona yɛɛ ɔsetie maa Awurade asɛm no, na ɔkɔɔ Ninewe. Na Ninewe yɛ kuropɔn titire a wɔde nnansa na ɛhunu hɔ nyinaa. 4 Ɛda a ɛdi ɛkan no, Yona hyɛnee kuropɔn no mu, na ɔhyɛɛ aseɛ paee mu kaa sɛ, “Aka adaduanan na wɔadane Ninewe abutu.” 5 Ninewefoɔ gyee Onyankopɔn diiɛ. Wɔhyɛɛ sɛ wɔn nyinaa bɛdi abuada, ɛfiri ɔkɛseɛ so kɔsi ɔketewa so, na wɔafirafira ayitoma. 6 Ɛberɛ a Ninewehene tee asɛm no, ɔsɔre firii nʼahennwa so, ɔworɔɔ nʼahenetadeɛ, Ɔfiraa ayitoma, na ɔtenaa mfuturo mu. 7 Afei, ɔmaa wɔbɔɔ dawuro wɔ Ninewe sɛ, “Mmara a ɛfiri ɔhene ne nʼatitire hɔ nie: “Obiara, sɛ ɔyɛ onipa anaa aboa, anantwikuo anaa nnwankuo, mmfa hwee nka nʼano; mma ɔnnnidi anaa ɔnnom. 8 Na mmom nnipa ne mmoa mfa ayitoma nkata wɔn ho. Obiara mfa anibereɛ nsu mfrɛ Onyankopɔn. Wɔn mfiri wɔn akwammɔne so, na wɔnnyae basabasayɛ. 9 Hwan na ɔnim? Ebia, Onyankopɔn bɛhunu yɛn mmɔbɔ, na watwe nʼabufuhyeɛ no a ɔnam so rebɛsɛe yɛn no asan.” 10 Na Onyankopɔn hunuu sɛdeɛ wɔyɛeɛ ne sɛdeɛ wɔsane firii wɔn akwammɔne ho no, ɔhunuu wɔn mmɔbɔ, na wansɛe wɔn sɛdeɛ ɔkaeɛ no. |
Asante Twi Nkwa Asɛm™
Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.
Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.
Asante Twi Contemporary Bible™
Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.
Used with permission. All rights reserved worldwide.
Biblica, Inc.