Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 56 - Asante Twi Nkwa Asɛm


Afoforɔ Nkwagyeɛ

1 Yei ne deɛ Awurade seɛ: “Monkɔ so mmu atɛntenenee na monyɛ deɛ ɛyɛ, ɛfiri sɛ me nkwagyeɛ abɛn na ɛrenkyɛre me tenenee bɛda adi.

2 Nhyira nka onipa a ɔyɛ yeinom, onipa a ɔkura mu denden: deɛ ɔkae Homeda na ɔyɛ no kronkron, na ɔkame ne ho firi bɔneyɛ ho.”

3 Mma ɔnanani a ɔde ne ho ama Awurade nka sɛ, “Ampa ara Awurade renkane me mfra ne nkurɔfoɔ mu.” Na opiani biara nso nwiinwii sɛ, “Meyɛ duawuiɛ.”

4 Sei na Awurade seɛ, “Apiafoɔ a wɔkae me home nna, wɔn a wɔyɛ deɛ ɛsɔ mʼani na wɔkura mʼapam mu denden,

5 mɛma wɔn, wɔ mʼasɔredan ne ɛho afasuo no mu, nkaedeɛ ne edin a ɛkyɛn mmammarima ne mmammaa; mɛma wɔn edin a ɛbɛtena hɔ afebɔɔ, edin a ɛrentwam.

6 Na ananafoɔ a wɔde wɔn ho ama Awurade sɛ wɔbɛsom no, sɛ wɔbɛdɔ Awurade din, na wɔasɔre no, wɔn a wɔkae Homeda na wɔyɛ no kronkron nyinaa, na wɔkura mʼapam mu denden;

7 yeinom na mede wɔn bɛba me bepɔ kronkron no so na mama wɔn anigyeɛ wɔ me mpaeɛbɔ efie. Wɔn ɔhyeɛ afɔrebɔdeɛ ne afɔrebɔ ahodoɔ no, mɛgye wɔ mʼafɔrebukyia so; na wɔbɛfrɛ me fie beaeɛ a aman nyinaa bɔ mpaeɛ.”

8 Otumfoɔ Awurade, deɛ ɔboaboa Israel atukɔfoɔ ano no ka sɛ: “Mɛkɔ so aboaboa afoforɔ ano aka wɔn ho aka wɔn a maboa wɔn ano dada no ho.”


Onyankopɔn Soboɔ A Ɛtia Amumuyɛfoɔ

9 Mommra, mo wiram mmoadoma nyinaa, mommɛdidi, mo kwaeɛm mmoa nyinaa!

10 Israel awɛmfoɔ yɛ anifirafoɔ, wɔn mu biara nni nimdeɛ; wɔn nyinaa yɛ nkraman mum, wɔntumi mmobɔ mu; wɔdeda hɔ na wɔsoso daeɛ, nna yɛ wɔn dɛ.

11 Wɔyɛ nkraman a wɔpɛ aduane yie; wɔnnidi mmee da. Wɔyɛ nnwanhwɛfoɔ a wɔnni nteaseɛ; wɔn nyinaa fa wɔn ɛkwan, obiara pɛ nʼankasa mfasoɔ.

12 “Mommra,” obiara team sɛ, “momma me nsã! Momma yɛnnom nsaden mmoro! Na ɔkyena bɛyɛ sɛ ɛnnɛ, ebia ɛbɛsene ɛnnɛ koraa.”

Asante Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Asante Twi Contemporary Bible™

Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan