Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 46 - Asante Twi Nkwa Asɛm


Babilonia Anyame

1 Bel bɔ ne mu ase, Nebo kuntun ne mu; mfunumu soa wɔn ahoni. Nsɛsodeɛ a wɔso nenam no mu yɛ duru, ɛyɛ adesoa ma deɛ wabrɛ.

2 Wɔbɔ mu kuntun, bɔ wɔn mu ase; wɔntumi nsi amanehunu ano, wɔn ankasa kɔ nkoasom mu.

3 “Montie me, Ao Yakob fiefoɔ, mo a moaka wɔ Israel efie nyinaa, mo a masɔ mo mu firi mo nyinsɛn mu, na maturu mo afiri ɛberɛ a wɔwoo mo.

4 Mpo kɔsi mo nkɔkoraa berɛ ne ɛberɛ a mobɛfu dwono mu, Me ne no, Me ne deɛ ɔbɛsɔ mo mu. Mabɔ mo na mɛturu mo; mɛwowa mo na mɛgye mo.

5 “Hwan ho na mode me bɛto, anaa mobɛbu no me sɛso? Hwan na mode me bɛsusu no, na mode ayɛ mfatoho?

6 Ebinom hwie sikakɔkɔɔ firi wɔn mmɔtɔ mu na wɔkari dwetɛ wɔ nsania so; wɔbɔ sika dwumfoɔ paa, ma ɔde yɛ onyame bi, na wɔkoto sɔre no.

7 Wɔsoa no wɔ wɔn mmatire so, wɔde kɔsi nʼafa, na ɛka hɔ ara. Ɛrentumi mfiri faako a esie. Obi team frɛ no deɛ, nanso ɔmmua; ɛrentumi nyi no mfiri ne haw mu.

8 “Monkae no yie, momma ɛnka mo tirim, monnwene ho mo atuatefoɔ.

9 Monkae nneɛma a atwam no, teteete nneɛma no; Me ne Onyankopɔn, na obi nni hɔ; Me ne Onyankopɔn, na obiara nte sɛ me.

10 Meda awieeɛ adi firi ahyɛaseɛ, ɛfiri tete, meka deɛ ɛrennya mmaeɛ. Meka sɛ: Mʼatirimpɔ bɛgyina, na mɛyɛ deɛ mepɛ nyinaa.

11 Mɛfrɛ anomaa a ɔkyere mmoa afiri apueeɛ fam; afiri akyirikyiri asase so, onipa a ɔbɛhyɛ me botaeɛ ma. Deɛ maka no, ɛno na mɛma aba mu; deɛ madwene ho no, ɛno na mɛyɛ.

12 Montie me, mo a moyɛ akokoɔdurufoɔ, mo a mo ne tenenee ntam ɛkwan ware;

13 Mede me tenenee repinkyɛ, ɛnni akyirikyiri; na me nkwagyeɛ nso, ɛrenkyɛre. Mɛma Sion nkwagyeɛ, na mede mʼanimuonyam ama Israel.

Asante Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Asante Twi Contemporary Bible™

Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan