Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 4 - Asante Twi Nkwa Asɛm

1 Saa ɛda no, mmaa baason bɛsɔ ɔbarima baako mu aka sɛ, “Yɛbɛbɔ yɛn ho akɔnhoma na yɛn ankasa apɛ yɛn aduradeɛ; ma wo din nna yɛn so kɛkɛ. Yi ahohora firi yɛn so!”


Awurade Baa No

2 Saa ɛda no Awurade Baa no bɛyɛ fɛ na anya animuonyam, na asase no so aba bɛyɛ ahohoahoa ne animuonyam ama Israel nkaeɛfoɔ no.

3 Wɔn a wɔaka wɔ Sion a wɔte Yerusalem no, wɔbɛfrɛ wɔn kronkron, wɔn a wɔatwerɛ wɔn din aka ateasefoɔ ho wɔ Yerusalem nyinaa.

4 Awurade bɛhohoro Sion mmaa ho fi; ɔde atemmuo honhom ne ogya honhom bɛpepa mogya nkekaawa a ɛwɔ Yerusalem.

5 Afei, Bepɔ Sion ne wɔn a wɔboa wɔn ano wɔ hɔ nyinaa, Awurade de wisie omununkum bɛkata wɔn so awia, na ɔde ogya dɛreɛ akata wɔn so anadwo; ntoma kyiniiɛ bɛkata animuonyam yi nyinaa so.

6 Ɛbɛyɛ hintabea ne enwunu wɔ owibɔ ano den mu, na osutɔ ne ahum mu nso ɛbɛyɛ dwanekɔbea ne atɛeɛ.

Asante Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Asante Twi Contemporary Bible™

Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan