Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 39 - Asante Twi Nkwa Asɛm


Asomafoɔ A Wɔfiri Babilonia

1 Saa ɛberɛ no Merodak-Baladan a ɔyɛ Babiloniahene Baladan babarima soma ma wɔde krataa ne akyɛdeɛ kɔmaa Hesekia, ɛfiri sɛ na wate sɛ wayare ama ne ho atɔ no.

2 Hesekia gyee asomafoɔ no fɛw so, na afei ɔde deɛ ɔwɔ wɔ nʼakoradan mu kyerɛɛ wɔn: dwetɛ, sikakɔkɔɔ, nnuhwam, ngohwam, nʼakodeɛ akoraeɛ ne biribiara a ɛka nʼademudeɛ ho. Biribiara nni nʼahemfie ne nʼahennie mu a Hesekia amfa ankyerɛ wɔn.

3 Afei Odiyifoɔ Yesaia kɔɔ ɔhene Hesekia nkyɛn, kɔbisaa no sɛ, “Asɛm bɛn na saa mmarima no kaaeɛ na ɛhe na wɔfiri baeɛ?” Hesekia buaa sɛ, “Wɔfiri akyirikyiri asase bi so. Wɔfiri Babilonia, na wɔbaa me nkyɛn.”

4 Odiyifoɔ no bisaa sɛ, “Ɛdeɛn na wɔhunuu wɔ wʼahemfie hɔ?” Hesekia buaa sɛ, “Wɔhunuu biribiara a ɛwɔ mʼahemfie ha. Biribiara nni mʼademudeɛ mu a mamfa ankyerɛ wɔn.”

5 Afei, Yesaia ka kyerɛɛ Hesekia sɛ, “Tie asɛm a ɛfiri Asafo Awurade nkyɛn:

6 Nokorɛm, ɛberɛ bi bɛba a, wɔbɛsoa biribiara a ɛwɔ wʼahemfie ne agyapadeɛ a wʼagyanom akora de abɛduru ɛnnɛ no akɔ Babilonia. Biribiara renka, sei na Awurade seɛ.

7 Na afei wʼasefoɔ mu bi, wʼankasa wo mogya a wɔbɛwo wɔn ama wo no, wɔbɛsoa wɔn akɔ na wɔakɔyɛ apiafoɔ wɔ Babiloniahene ahemfie.”

8 Hesekia dwenee sɛ ne ɔman no bɛnya asomdwoeɛ ne banbɔ wɔ ne mmerɛ so, enti ɔbuaa sɛ, “Awurade asɛm a woabɛka yi yɛ asɛm papa.”

Asante Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Asante Twi Contemporary Bible™

Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan