Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 20 - Asante Twi Nkwa Asɛm


Nkɔmhyɛ A Ɛtia Misraim Ne Kus

1 Afe a Asiriahene Sargon somaa ne ɔman no sahene kɔɔ Asdod kɔto hyɛɛ no so na ɔdii ne so nkonim no,

2 saa ɛberɛ no Awurade faa Yesaia, Amos babarima so kasaa sɛ, “Yi ayitoma no firi wo ho ne mpaboa no firi wo nan ase.” Ɔyɛɛ saa de adagya a ne nan nso sisi fam dii akɔneaba.

3 Na Awurade kaa sɛ, “Sɛdeɛ me ɔsomfoɔ Yesaia de adagya anante mfeɛ mmiɛnsa a ne nan nso sisi fam yi de ayɛ ɔhaw nsɛnkyerɛnneɛ a ɛtia Misraim ne Kus no,

4 saa ara na Asiriahene bɛdi Misraim nneduafoɔ ne Kus nnommumfoɔ a wɔdeda adagya na wɔn nan sisi fam, mmabunu ne mpanin a wɔn to deda so no anim, de agu Misraim anim ase.

5 Wɔn a wɔde wɔn ho too Kus so, na wɔde Misraim hoahoaa wɔn ho no bɛsuro na wɔn ani awu.

6 Saa ɛda no nnipa a wɔtete mpoano ha bɛka sɛ, ‘Monhwɛ asɛm a ato wɔn a yɛde yɛn ho too wɔn so no, wɔn a yɛdwane kɔɔ wɔn nkyɛn kɔpɛɛ mmoa sɛ wɔbɛgye yɛn afiri Asiriahene nsam no! Ɛbɛyɛ dɛn na yɛadwane?’ ”

Asante Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Asante Twi Contemporary Bible™

Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan