Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 18 - Asante Twi Nkwa Asɛm


Nkɔmhyɛ A Ɛtia Kus

1 Due, asase a ntaban nnyegyeeɛ wɔ so wɔ Kus nsubɔntene ho,

2 a ɔsoma ananmusifoɔ a wɔnam ɛpo so a wɔde paparɔs abonto fa nsuo ani. Monkɔ, asomafoɔ ahoɔherɛfoɔ, monkɔ nnipa a wɔwoware na wɔn honam yɛ tromtrom no nkyɛn, nnipa a wɔn ho yɛ hu wɔ mmaa nyinaa, aniɛdenfoɔ ɔman a yɛnte wɔn kasa, na nsubɔntene akyekyɛ nʼasase mu.

3 Mo ewiasefoɔ nyinaa, mo a motete asase so, sɛ wɔpagya frankaa wɔ bepɔ no so a, mobɛhunu. Sɛ wɔhyɛn totorobɛnto a, mobɛte.

4 Yei ne deɛ Awurade ka kyerɛ me, “Mɛtena mʼatenaeɛ na mahwɛ biribiara dinn. Mɛyɛ dinn te sɛ owia a ɛrebɔ, te sɛ ɛbɔ a ɛsi wɔ otwa berɛ mu.”

5 Ɛnnya nnuruu twaberɛ a nhyerɛnne berɛ atwam no, na nhwiren no anyini adane bobe no, wɔde nsɔsɔ bɛtwitwa mman no; wɔbɛtwitwa mman a ɛredendan no akɔ.

6 Wɔbɛgya wɔn nyinaa ama bepɔ so nnomaa a wɔkum mmoa we, ne wiram mmoa; nnomaa no bɛdi wɔn nam wɔ ahuhuro ɛberɛ mu. Wiram mmoa bɛwe wɔn nam wɔ awɔ berɛ mu.

7 Saa ɛberɛ no wɔde akyɛdeɛ bɛbrɛ Asafo Awurade ɛbɛfiri nnipa a wɔwoware na wɔn honam yɛ tromtrom hɔ, nnipa a wɔn ho yɛ hu wɔ mmaa nyinaa, aniɛdenfoɔ ɔman a yɛnte wɔn kasa, na nsubɔntene akyekyɛ nʼasase mu. Wɔde akyɛdeɛ bɛba Sion Bepɔ so, beaeɛ a Asafo Awurade din atim no.

Asante Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Asante Twi Contemporary Bible™

Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan