Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Yesaia 15 - Asante Twi Nkwa Asɛm


Nkɔmhyɛ A Ɛtia Moab

1 Adehunu a ɛfa Moab ho: Wɔasɛe Ar a ɛwɔ Moab anadwo koro pɛ! Wɔasɛe Kir a ɛwɔ Moab anadwo koro pɛ!

2 Dibon foro kɔ nʼasɔredan mu, ɔkɔ ne sorɔnsorɔmmea kɔ su; Moab twa adwo wɔ Nebo ne Medeba ho. Wɔayi eti biara so nwi na abɔgyesɛ biara nso wɔatwitwa.

3 Wɔfirafira ayitoma wɔ mmɔntene so; wɔ adan atifi ne ɔman ahyiaeɛ wɔn nyinaa retwa adwo, wɔdeda fam na wɔsu.

4 Hesbon ne Eleale teaam su, wɔte wɔn nne kɔduru Yahas nohoa. Enti Moab mmarimma akofoɔ teaam su, na wɔabotoboto.

5 Medi Moab ho awerɛhoɔ wɔ mʼakoma mu; nʼadwanefoɔ dwane kɔduru Soar, ne Eglat Selisiya. Wɔforo kɔ Luhit, wɔrekɔ nyinaa na wɔresu; Horonaim ɛkwan so nso wɔdi wɔn sɛeɛ ho awerɛhoɔ.

6 Nimrim nsuwansuwa awewe na ɛserɛ no ahye afifideɛ nyinaa ayera na ɛnkaa wira biara a ɛyɛ mono.

7 Enti ahonyadeɛ a wɔapɛ agu hɔ no wɔsoa de kɔtwa mpampuro bɔnhwa.

8 Wɔn nkekamu gyegye wɔ Moab ahyeɛ so; wɔn agyaadwotwa kɔduru Eglaim na wɔn abubuobɔ kɔduru Beer Elim.

9 Dimon nsuo ayɛ mogya nkoaa nanso mɛkɔ so ne no adi. Gyata bɛba Moab adwanefoɔ no so ne wɔn a wɔbɛka asase no so.

Asante Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Asante Twi Contemporary Bible™

Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan