Yesaia 12 - Asante Twi Nkwa AsɛmAyɛyie Nnwom 1 Saa ɛda no, wobɛka sɛ: “Mɛkamfo wo Ao Awurade! Ɛwom sɛ wo bo fuu me deɛ, nanso afei wʼabofuo ano adwo. Na woakyekyere me werɛ. 2 Nokorɛ, Onyankopɔn ne mʼagyenkwa; mede me ho bɛto ne so, na merensuro. Awurade, Awurade ne mʼahoɔden ne me dwom; na wabɛyɛ me nkwagyeɛ.” 3 Wode anigyeɛ bɛsa nsuo afiri nkwagyeɛ nsubura mu. 4 Saa ɛda no wobɛka sɛ, “Ɛda Awurade ase, bɔ ne din Ma amanaman nhunu deɛ wayɛ, na pae mu ka sɛ wɔama ne din so. 5 To dwom ma Awurade, ɛfiri sɛ, wayɛ deɛ ɛwɔ animuonyam bebree. Da yei adi kyerɛ ewiase nyinaa. 6 Momma mo nne so nto dwom anigyeɛ so, mo a mowɔ Sion, ɛfiri sɛ, Israel Kronkronni a ɔte mo mu no yɛ kokuroko.” |
Asante Twi Nkwa Asɛm™
Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.
Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.
Asante Twi Contemporary Bible™
Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.
Used with permission. All rights reserved worldwide.
Biblica, Inc.