Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Ɔsɛnkafo 11 - Asante Twi Nkwa Asɛm


Burodo A Ɛwɔ Nsuo Ani

1 To wo burodo gu nsuo ani, na daakye bi wo nsa bɛka bio.

2 Kyekyɛ mu ma nnipa baason, mpo nnipa baawɔtwe, ɛfiri sɛ, wonnim amanehunu a ɛbɛba asase no so.

3 Sɛ omununkum mu wɔ nsuo a, ɛtɔ gu asase so. Sɛ dua bi bu hwe anafoɔ fam anaa atifi fam a, deɛ ɛhweeɛ no, ɛhɔ ara na ɛbɛda.

4 Obiara a ɔtwɛn ewiem nsakraeɛ no rennua, na deɛ ɔhwɛ omununkum no nso rentwa.

5 Sɛdeɛ wonhunu ɛkwan a mframa nam soɔ, anaa sɛdeɛ wɔnwono onipadua wɔ yafunu mu no, saa ara na worentumi nte Onyankopɔn nnwuma ase. Adeɛ nyinaa Yɛfoɔ no.

6 Dua wʼaba anɔpa, na anwummerɛ nso ma wo nsa nna ho, na wonnim deɛ ɛbɛyɛ yie, sɛ yei anaa yei anaasɛ ebia mmienu no nyinaa bɛyɛ yie.


Kae Wo Ɔbɔfoɔ Wɔ Wo Mmeranteɛ Ɛberɛ Mu

7 Hann yɛ fɛ; na ɛyɛ aniwa dɛ sɛ ɔhunu owia.

8 Mfeɛ dodoɔ a onipa bɛtena nkwa yi mu nyinaa ɛsɛ sɛ ɔnya ahotɔ. Nanso ɛsɛ sɛ ɔkae nnabɔne na ɛbɛdɔɔso. Biribiara a ɛbɛba no yɛ ahuhudeɛ.

9 Ma wʼani nnye, aberanteɛ, ɛberɛ a woyɛ ɔbabunu, ma wʼakoma mma wo anigyeɛ wɔ wo mmeranteberɛ mu. Di deɛ wʼakoma pɛ ne deɛ wʼaniwa hunu akyi, nanso hunu sɛ yeinom nyinaa ho Onyankopɔn de wo bɛba atemmuo mu.

10 Enti yi adwendwene biara firi wʼakoma mu na to ɔhaw biara a ɛwɔ wo mu no gu, ɛfiri sɛ mmeranteyɛ ne ahoɔden yɛ ahuhudeɛ.

Asante Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Asante Twi Contemporary Bible™

Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan