Nnwom mu dwom 5 - Asante Twi Nkwa AsɛmAberanteɛ: 1 Maba me turo mu, me nuabaa, mʼayeforɔ; maboaboa me kurobo ne me nnuhwam ano. Madi me woɔkyɛm ne ɛwoɔ; manom me bobesa ne me nufosuo. Ao, nnamfonom, monnidi na monnom; Ao, adɔfonom, monnom deɛ ɛbɛmee mo. Nnamfonom: Ababaawa: 2 Medaeɛ nanso mʼakoma anna. Tie! Me dɔfoɔ rebɔ ɛpono no mu; “Bue me, me nuabaa, me dɔ, mʼaborɔnoma, a ne ho nni dɛm. Obosuo afɔ me tirim, anadwo mu bosuo afɔ me nwi.” 3 Maworɔ mʼatadeɛ, mensane mfa nhyɛ anaa? Mahohoro me nan ase, memma ho nyɛ fi bio anaa? 4 Me dɔfoɔ yɛɛ sɛ ɔrebue ɛpono no mʼakoma firi aseɛ bɔɔ kimkim wɔ me mu. 5 Mesɔree sɛ merekɔhini me dɔfoɔ, na me nsa ho kurobo ne me nsateaa ho aduhwam, yɛɛ apratwom no ho. 6 Mebue maa me dɔfoɔ no, nanso na ɔkɔ. Ne korɔ no maa me ho dwirii me. Mehwehwɛɛ no nanso manhunu no baabiara. Mefrɛɛ no nanso wannye me so. 7 Awɛmfoɔ no hunuu me ɛberɛ a wɔrebɔ aporɔ wɔ kuropɔn no mu. Wɔbobɔɔ me pirapiraa me; wɔyii mʼatadeɛ kɔreɛ saa awɛmfoɔ a wɔwɛn afasuo no! 8 Ao, Yerusalem mmammaa, mehyɛ mo, sɛ mohunu me dɔfoɔ no a, asɛm bɛn na mobɛka akyerɛ no? Monka nkyerɛ no sɛ ɔdɔ ama matɔ piti. Nnamfonom: 9 Ɛdeɛn na wo dɔfoɔ de sene afoforɔ, mmaa ahoɔfɛfoɔ mu ahoɔfɛ? Ɛdeɛn na wo dɔfoɔ de sene afoforɔ a enti wohyɛ yɛn sei? Ababaawa: 10 Me dɔfoɔ ho twa na ɔgyegye, wɔfa mpemdu a ɔda mu fua. 11 Ne ti yɛ sikakɔkɔɔ amapa; ne tiri so nwi yɛ kuhaa, na ɛyɛ tuntum sɛ kwaakwaadabi. 12 Nʼaniwa aba te sɛ aborɔnoma a ɔgyina asuwa bi ho; ɛte sɛ deɛ wɔde nufosuo adware no, na ɛsisi hɔ sɛ abohemaa. 13 Nʼafono te sɛ pɛperɛ a wɔasɛ no kɛtɛ. Ɛho hwa te sɛ aduhwam. Nʼanofafa te sɛ sukooko a ɛsosɔ kurobo. 14 Nʼabasa te sɛ sikakɔkɔɔ abaa a wɔde sikabereɛboɔ asisi mu. Ne onipadua te sɛ asonse a wɔatwi ho na wɔde aboɔdemmoɔ adura ho. 15 Ne nan te sɛ abohemaa afadum a ɛsisi sikakɔkɔɔ amapa nnyinasoɔ so. Ne bɔberɛ te sɛ Lebanon a ɔyɛ sononko sɛ ne ntweneduro. 16 Nʼano te sɛ ɔdɛ ankasa; ɛkwan biara so, ne ho yɛ fɛ. Me dɔfoɔ nie, mʼadamfo nie, Ao, Yerusalem mmammaa. |
Asante Twi Nkwa Asɛm™
Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.
Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.
Asante Twi Contemporary Bible™
Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.
Used with permission. All rights reserved worldwide.
Biblica, Inc.