Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 99 - Asante Twi Nkwa Asɛm


Dwom 99

1 Awurade di ɔhene, momma amanaman no ho mpopo; ɔte nʼahennwa so wɔ Kerubim ntam, ma asase nwoso.

2 Awurade a ɔwɔ Sion yɛ kɛseɛ; wɔama ne so wɔ amanaman nyinaa mu.

3 Ma wɔnkamfo wo din a ɛso na ɛyɛ nwanwa no. Ɔyɛ kronkron.

4 Ɔhene no yɛ kɛseɛ, ɔdɔ atɛntenenee, woama pɛpɛyɛ atim; wayɛ deɛ ɛyɛ na ɛtene wɔ Yakob mu.

5 Momma Awurade, yɛn Onyankopɔn so na monsɔre no wɔ ne nan ntiasoɔ anim; ɔyɛ kronkron.

6 Na Mose ne Aaron ka nʼasɔfoɔ no ho, na Samuel ka wɔn a wɔbɔɔ ne din no ho; wɔfrɛɛ Awurade, na ɔgyee wɔn so.

7 Ɔfiri omununkum dum mu kasa kyerɛɛ wɔn; wɔdii mmara ne ahyɛdeɛ a ɔmaa wɔn no so.

8 Ao Awurade, yɛn Onyankopɔn, wogyee wɔn so; woyɛɛ bɔnefakyɛ Onyankopɔn maa Israel, nanso wɔtwee wɔn aso wɔ wɔn nnebɔne ho.

9 Momma Awurade yɛn Onyankopɔn so na monsɔre no wɔ ne bepɔ kronkron no so, na Awurade yɛn Onyankopɔn yɛ kronkron.

Asante Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Asante Twi Contemporary Bible™

Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan