Nnwom 98 - Asante Twi Nkwa AsɛmDwom 98 Dwom. 1 Monto dwom foforɔ mma Awurade, ɛfiri sɛ wayɛ anwanwadeɛ bebree; ne nsa nifa ne ne basa kronkron no anya nkwagyeɛ ama no. 2 Awurade ama wɔahunu ne nkwagyeɛ na wada ne tenenee adi akyerɛ amanaman no. 3 Wakae nʼadɔeɛ ne ne nokorɛ a ɔdi akyerɛ Israelfoɔ; asase ano nyinaa ahunu yɛn Onyankopɔn nkwagyeɛ. 4 Asase nyinaa mommɔ ose mma Awurade, momfa nnwontoɔ nni ahurisie; 5 Momfa sankuo nto dwom mma Awurade, sankuo ne nnwontoɔ nnyegyeɛ, 6 momfa totorobɛnto ne nnwennini mmɛn, nteam ahosɛpɛ so wɔ Awurade, yɛn ɔhene no anim. 7 Ɛpo ne abɔdeɛ a ɛwɔ mu nyinaa monworo so; asase ne wɔn a wɔte soɔ nyinaa. 8 Momma nsubɔntene mmɔ wɔn nsam, mmepɔ nka mmom nto ahurisie dwom; 9 ma wɔnto dwom wɔ Awurade anim, ɛfiri sɛ ɔreba abɛbu ewiase atɛn. Ɔde tenenee bɛbu ewiase atɛn na ɔde pɛpɛyɛ abu nnipa atɛn. |
Asante Twi Nkwa Asɛm™
Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.
Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.
Asante Twi Contemporary Bible™
Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.
Used with permission. All rights reserved worldwide.
Biblica, Inc.