Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 97 - Asante Twi Nkwa Asɛm


Dwom 97

1 Awurade di ɔhene, ma asase ani nnye; ma nsupɔ ahodoɔ nsɛpɛ wɔn ho.

2 Omununkum ne esum kabii atwa ne ho ahyia; tenenee ne atɛntenenee yɛ nʼahennwa no fapem.

3 Ogya di nʼanim na ɛhye nʼatamfoɔ wɔ afanan nyinaa.

4 Nʼanyinam hran ewiase; asase ahunu, na ne ho popo.

5 Mmepɔ nane sɛ nku wɔ Awurade anim, Awurade a asase nyinaa wɔ no no anim.

6 Ɔsoro pae mu ka ne tenenee kyerɛ na aman nyinaa hunu nʼanimuonyam.

7 Ahonisomfoɔ nyinaa anim agu ase, wɔn a wɔde abosomhuhuo hoahoa wɔn ho no, anyame nyinaa monsɔre no.

8 Sion te, na ne ho sɛpɛ no na Yuda nkuraase ani gye Ao Awurade, ɛsiane wʼatɛntenenee enti.

9 Wo, Ao Awurade ne Ɔsorosoroni wɔ asase so nyinaa; wɔama wo so pa ara wɔ anyame nyinaa mu.

10 Ma wɔn a wɔdɔ Awurade no nkyiri bɔne, ɔbɔ ne nkurɔfoɔ a wɔyɛ nokwafoɔ no ho ban na ɔgye wɔn firi amumuyɛfoɔ nsam.

11 Hann to gu teneneefoɔ so na anigyeɛ ba wɔn a wɔn akoma mu teɛ so.

12 Momma mo ani nnye Awurade mu, mo teneneefoɔ nyinaa, na monkamfo ne din kronkron no.

Asante Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Asante Twi Contemporary Bible™

Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan