Nnwom 96 - Asante Twi Nkwa AsɛmDwom 96 1 Monto dwom foforɔ mma Awurade; asase nyinaa monto dwom mma Awurade. 2 Monto dwom mma Awurade, na monkamfo ne din; mompae mu nka ne nkwagyeɛ no daa daa. 3 Monka nʼanimuonyam wɔ amanaman mu, monka nʼanwanwadeɛ a wayɛ wɔ nnipa mu. 4 Awurade yɛ kɛseɛ na ɔfata ayɛyie; ɛsɛ sɛ wɔsuro no sene anyame nyinaa. 5 Anyame a wɔwɔ aman foforɔ so yɛ ahoni bi kwa, nanso Awurade na ɔbɔɔ ɔsoro. 6 Animuonyam ne kɛseyɛ wɔ nʼanim; ahoɔden ne animuonyam wɔ ne kronkronbea hɔ. 7 Momfa mma Awurade, Ao amanaman mmusuakuo, momfa animuonyam ne tumi mma Awurade. 8 Momfa animuonyam ne din a ɛfata mma Awurade; momfa afɔrebɔdeɛ nhyɛne nʼadihɔ hɔ. 9 Monsɔre Awurade wɔ ne kronkronyɛ fɛfɛ mu; asase nyinaa momma mo ho mpopo wɔ nʼanim. 10 Monka nkyerɛ aman nyinaa sɛ, “Awurade di ɔhene.” Wɔabɔ asase atim hɔ pintinn na ɛnhinhim; ɔde pɛpɛyɛ bɛbu nnipa atɛn. 11 Momma ɔsorosoro ani nnye, na asase nni ahurisie; momma ɛpo ne emu nneɛma nyinaa nworo; 12 momma mfuo ne so nneɛma nyinaa mmɔ ose. Nnua a ɛwɔ kwaeɛm de ahosɛpɛ bɛto dwom; 13 wɔbɛto dwom wɔ Awurade anim, ɛfiri sɛ ɔreba, ɔreba abɛbu asase no atɛn. Ɔde tenenee bɛbu ewiase atɛn na woabu nnipa nso atɛn wɔ ne nokorɛ mu. |
Asante Twi Nkwa Asɛm™
Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.
Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.
Asante Twi Contemporary Bible™
Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.
Used with permission. All rights reserved worldwide.
Biblica, Inc.