Nnwom 95 - Asante Twi Nkwa AsɛmDwom 95 1 Mommra mma yɛnto dwom wɔ anigyeɛ so mma Awurade; momma yɛmmɔ ose mma yɛn nkwagyeɛ Botan no. 2 Momma yɛmfa aseda mmra nʼanim, na yɛmfa ahosɛpɛ nnwom mma no so. 3 Ɛfiri sɛ, Awurade yɛ Onyankopɔn kɛseɛ, ɔhenkɛseɛ wɔ anyame nyinaa so. 4 Ne nsam na asase mu nneɛma nyinaa wɔ, na mmepɔ mpampam wɔ no. 5 Ɛpo wɔ no. Ɔno na ɔbɔeɛ, na ne nsa na ɛnwonoo asase kesee no. 6 Mommra mma yɛnkoto nsom no. Momma yɛmmu nkotodwe wɔ Awurade yɛn Yɛfoɔ no anim! 7 Ɔyɛ yɛn Onyankopɔn; yɛyɛ nʼadidibea nnipa, ne nnwankuo a ɔhwɛ wɔn so. Ɛnnɛ, sɛ mote ne nne a, 8 mommpirim mo akoma sɛdeɛ moyɛɛ wɔ Meriba no, sɛdeɛ moyɛɛ da no wɔ Masa, ɛserɛ no so no, 9 Ɛhɔ no, mo mpanimfoɔ sɔɔ me hwɛeɛ, a na wɔnim deɛ meyɛ maa wɔn. 10 Me bo fuu saa nnipa no mfeɛ aduanan na mekaa sɛ, “Wɔyɛ nnipa a wɔn akoma amane afiri me ho, na wɔanhunu mʼakwan.” 11 Ɛno enti mekaa ntam wɔ mʼabufuo mu sɛ, “Wɔrenhyɛne mʼahomegyeɛ mu da.” |
Asante Twi Nkwa Asɛm™
Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.
Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.
Asante Twi Contemporary Bible™
Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.
Used with permission. All rights reserved worldwide.
Biblica, Inc.