Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 88 - Asante Twi Nkwa Asɛm


Dwom 88
Esrahini Heman ɔhaw ne amanehunu dwom.

1 Ao Awurade, me nkwagyeɛ Onyankopɔn mesu wɔ wʼanim adekyeeɛ ne adesaeɛ.

2 Ma me mpaeɛbɔ nnuru wʼanim; brɛ wʼaso ase tie me sufrɛ.

3 Ɔhaw ahyɛ me kra ma na me nkwa rebɛn owuo.

4 Wɔkan me fra wɔn a wɔrekɔ damena mu; mete sɛ obi a ɔnni ahoɔden.

5 Wɔayi me asi nkyɛn wɔ awufoɔ mu, te sɛ atɔfoɔ a wɔdeda ɛda mu, wɔn a wonkae wɔn bio, na wonhwɛ wɔn bio.

6 Woato me atwene damena ase tɔnn, wɔ esum kabii mu.

7 Wʼabofuhyeɛ ayɛ duru wɔ me so; woama wʼasorɔkye nyinaa abu afa me so.

8 Woafa me nnamfonom a wɔbɛn me afiri me nkyɛn woama me ho ayɛ wɔn ahi. Woaka me ahyɛ mu na mentumi nnwane;

9 awerɛhoɔ ama mʼani so ayɛ kusuu. Ao Awurade mesu frɛ wo da biara; metrɛ me nsam kyerɛ wo.

10 Woyɛ anwanwadeɛ kyerɛ awufoɔ anaa? Wɔn a wɔawuwu no sɔre kamfo wo anaa?

11 Wɔka wʼadɔeɛ ho asɛm wɔ ɛda mu anaa, anaasɛ wo nokorɛ ho asɛm wɔ ɔsɛeɛ kurom?

12 Wɔhunu wʼanwanwadeɛ wɔ beaeɛ a ɛhɔ aduru sum, anaa wo tenenee nnwuma wɔ awerɛfirie asase so?

13 Nanso Ao Awurade, mesu frɛ wo sɛ boa me; me mpaeɛbɔ duru wʼanim adekyeeɛ mu

14 Ao Awurade, adɛn nti na wopo me na wode wʼanim hinta me?

15 Mahunu amane firi me mmɔfraase na mabɛn owuo; wʼahunahuna ama mabrɛ na mapa aba.

16 Wʼabofuhyeɛ abu afa me so; wʼahunahuna asɛe me.

17 Daa nyinaa wɔtwa me ho hyia sɛ nsuyire, na wɔabu afa me so koraa.

18 Woafa mʼayɔnkofoɔ ne mʼadɔfoɔ afiri me nkyɛn kɔ; na esum ayɛ mʼadamfo brɛboɔ.

Asante Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Asante Twi Contemporary Bible™

Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan