Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 8 - Asante Twi Nkwa Asɛm


Dwom 8
Dawid dwom.

1 Ao Awurade, yɛn Awurade, wo din kɛseyɛ ada adi ewiase afanan nyinaa. Wode wʼanimuonyam atimtim ɔsoro nohoa,

2 mmɔfra ne nkɔkoaa mpo de wɔn ano kamfo wo, wʼatamfoɔ nti; na wode bɔ atamfoɔ ne weretɔfoɔ ano.

3 Sɛ mehwɛ wo soro, wo nsateaa ano adwuma; ɔsrane ne nsoromma a wode obiara asi nʼafa a,

4 onipa ne hwan a wokae no, na onipa ba nso ne hwan a wʼani ku ne ho?

5 Wobɔɔ no ma ɔyɛɛ akumaa kakra sene abɔfoɔ na wode wʼanimuonyam ne anidie abɔ no abotire.

6 Woyɛɛ no sodifoɔ maa wo nsa ano adwuma wode nneɛma nyinaa ahyɛ ne nan ase:

7 nnwankuo ne nantwikuo nyinaa ne wiram mmoa nso,

8 ewiem nnomaa ne ɛpo mu mpataa, deɛ ɛnenam ɛpo mu akwan so nyinaa.

9 Ao, Awurade, yɛn Awurade, wo din yɛ kɛseɛ wɔ asase nyinaa so! Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto no sɛdeɛ wɔto “Ɔba no wuo”.

Asante Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Asante Twi Contemporary Bible™

Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan