Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 76 - Asante Twi Nkwa Asɛm


Dwom 76
Asaf dwom.

1 Wɔnim Onyankopɔn wɔ Yuda; ne din so wɔ Israel.

2 Ne ntomadan si Salem, ne tenaberɛ wɔ Sion.

3 Ɛhɔ na ɔbubuu mmemma a ɛte ogya, ɛkyɛm ne akofena, akodeɛ nyinaa mu.

4 Wo ho hann no hyerɛn, na wo so sene mmepɔ a mmoadoma ahyɛ mu ma no.

5 Mmarima akokoɔdurufoɔ deda hɔ a wɔagye wɔn ho nneɛma, wɔadeda awufoɔ nna; na akofoɔ no mu baako mpo ntumi mpagya ne nsa.

6 Ao Yakob Onyankopɔn, wokaa wɔn anim no apɔnkɔ no ne nteaseɛnam no adeda dinn.

7 Wo nko ara na ɛsɛ sɛ wɔsuro woɔ. Sɛ wo bo fu a, hwan na ɔbɛtumi agyina wʼanim?

8 Wobuu atɛn firii soro, asase suroeɛ na ɛyɛɛ dinn,

9 ɛberɛ a wosɔre buu atɛn, Ao Onyankopɔn, de gyee amanehunufoɔ wɔ asase no so.

10 Ampa ara wʼabufuhyeɛ a ɛtia nnipa no de ayɛyie brɛ wo, na wɔn a wɔtumi gyina ano no nya kɔkɔbɔ.

11 Monhyɛ Awurade mo Onyankopɔn no bɔ na monni so; momma nsase a atwa ne ho ahyia mfa ayɛyɛdeɛ mmrɛ Ɔbaako a ɛsɛ sɛ wɔsuro noɔ no.

12 Ɔbrɛ sodifoɔ honhom ase; na asase so ahemfo suro no. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔde ma Yedutun.

Asante Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Asante Twi Contemporary Bible™

Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan