Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 70 - Asante Twi Nkwa Asɛm


Dwom 70
Dawid adesrɛ dwom.

1 Ao Onyankopɔn, yɛ ntɛm gye me nkwa; Ao Awurade bra ntɛm bɛboa me.

2 Ma wɔn a wɔhwehwɛ me kra no anim ngu ase na wɔnyɛ basaa; ma wɔn a wɔhwehwɛ me sɛeɛ no nyinaa mfa animguaseɛ nsane wɔn akyi.

3 Ma wɔn a wɔka, “Ɔtwea! Ɔtwea!” kyerɛ me no nsane wɔn akyi ɛsiane wɔn aniwuo enti.

4 Nanso ma wɔn a wɔhwehwɛ wo nyinaa nsɛpɛ wɔn ho na wɔn ani nnye wɔ wo mu; ma wɔn a wɔdɔ wo nkwagyeɛ no nka da biara sɛ, “Onyankopɔn yɛ kɛseɛ!”

5 Meyɛ ohiani a menni ɔboafoɔ; Ao Onyankopɔn, bra me nkyɛn ntɛm. Wo ne me ɔboafoɔ ne me gyefoɔ; Ao Awurade, ntwentwɛn wo nan ase.

Asante Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Asante Twi Contemporary Bible™

Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan