Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 67 - Asante Twi Nkwa Asɛm


Dwom 67
Dwom.

1 Onyankopɔn nnom yɛn na ɔnhyira yɛn ɔmma nʼanim nhyerɛn wɔ yɛn so,

2 na ɔmma wɔnhunu nʼakwan wɔ asase so, ne ne nkwagyeɛ wɔ amanaman no nyinaa mu.

3 Ma adasamma nyi wo ayɛ, Ao Onyankopɔn; ma nnipa nyinaa nkamfo wo.

4 Ma amanaman ani nnye na wɔnto ahosɛpɛ dwom, ɛfiri sɛ wodi nnipa no so tenenee mu na woma asase so amanaman no akwankyerɛ.

5 Ma adasamma nyi wo ayɛ, Ao Onyankopɔn; ma nnipa nyinaa nkamfo wo!

6 Afei asase no bɛbɔ ne nnɔbaeɛ, na Onyankopɔn, yɛn Onyankopɔn ahyira yɛn.

7 Onyankopɔn bɛhyira yɛn, na wɔn a wɔte asase ano nyinaa bɛsuro no. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Asante Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Asante Twi Contemporary Bible™

Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan