Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 64 - Asante Twi Nkwa Asɛm


Dwom 64
Dawid dwom.

1 Ao Onyankopɔn, tie me ɛberɛ a mereka me haw; bɔ me ɔkra ho ban firi ɔtamfoɔ ahunahuna ho.

2 Fa me sie firi amumuyɛfoɔ agyinatuo ho, ne nnebɔneyɛfoɔ dodoɔ no gyegyeegyeyɛ ho.

3 Wɔse wɔn tɛkrɛma sɛ akofena na wɔse wɔn ano sɛ mmɛmma kɔdiawuo.

4 Wɔfiri atɛeɛ mu, to bɔ onipa a ne ho nni asɛm; wɔto bɔ no mpofirim a wɔnsuro.

5 Wɔhyehyɛ wɔn ho wɔn ho nkuran wɔ wɔn amumuyɛ nneyɛeɛ ho, wɔka sɛdeɛ wɔbɛsum afidie; wɔka sɛ, “Hwan na ɔbɛhunu yɛn?”

6 Wɔbɔ atɛnkyea ho pɔ na wɔka sɛ, “Yɛayɛ nhyehyɛeɛ a ɛyɛ pɛ!” Ampa ara onipa akoma ne nʼadwene yɛ anifire.

7 Nanso, Onyankopɔn bɛto bɛmma awɔ wɔn; na wɔbɛhwe fam prɛko pɛ.

8 Ɔbɛdane wɔn ankasa tɛkrɛma atia wɔn na ɔde wɔn aba ɔsɛeɛ mu; na wɔn a wɔbɛhunu wɔn nyinaa bɛbɔ wɔn tiri nko wɔ animtiabuo so.

9 Adasamma nyinaa bɛsuro; wɔbɛpae mu aka Onyankopɔn nnwuma na wɔasusu deɛ wayɛ ho.

10 Ma teneneefoɔ nni ahurisie wɔ Awurade mu na wɔmpɛ hintabea wɔ ne mu; ma wɔn a wɔn akoma mu teɛ nyinaa nyi no ayɛ! Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Asante Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Asante Twi Contemporary Bible™

Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan