Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 63 - Asante Twi Nkwa Asɛm


Dwom 63
Dawid dwom. Ɛberɛ a ɔwɔ Yuda Ɛserɛ so no na ɔtoeɛ.

1 Ao, Onyankopɔn, wone me Onyankopɔn Mehwehwɛ wo anibereɛ so; wo ho sukɔm de me kra, me onipadua ani agyina wo, wɔ asase a awo na ɛserɛ nni so, baabi a nsuo nnie.

2 Mahunu wo wɔ Kronkronbea hɔ mahunu wo tumi ne wʼanimuonyam.

3 Esiane sɛ, wʼadɔeɛ di mu sene nkwa enti mʼano fafa bɛhyɛ wo animuonyam.

4 Sɛ mete ase yi, mɛkamfo wo, na wo din mu na mɛpagya me nsa.

5 Me ɔkra bɛmee sɛdeɛ wadi aduane papa bi; mede anofafa a ɛto dwom bɛyi wo ayɛ.

6 Meda me mpa so a, mekae wo. Anadwo dasuo mu nyinaa, medwene wo ho.

7 Ɛfiri sɛ, wone ne ɔboafoɔ, wo ntaban ase nwunu mu na mɛto dwom.

8 Me kra bata wo ho; na wo nsa nifa kura me mu.

9 Wɔn a wɔpɛ me akum me no bɛsɛe; wɔbɛkɔ asase ase tɔnn.

10 Wɔbɛdane wɔn ama akofena na wɔbɛyɛ aduane ama sakraman.

11 Nanso ɔhene bɛdi ahurisie wɔ Onyankopɔn mu; wɔn a wɔka ntam wɔ Onyankopɔn din mu nyinaa bɛkamfo no, na wɔbɛmua atorofoɔ ano. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ.

Asante Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Asante Twi Contemporary Bible™

Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan