Nnwom 61 - Asante Twi Nkwa AsɛmDwom 61 Dawid dwom. 1 Ao Onyankopɔn, tie me sufrɛ; tie me mpaeɛbɔ. 2 Mefiri asase ano frɛ wo, mefrɛ wo ɛfiri sɛ mʼakoma atɔ baha; fa me kɔ ɔbotan a ɛware sene me no so. 3 Woayɛ me dwanekɔbea, aban a ɛyɛ den ma ɔtamfoɔ no. 4 Me kɔn dɔ sɛ metena wo ntomadan no mu afebɔɔ na manya hintabea wɔ wo ntaban nwunu ase. 5 Woate me bɔhyɛ, Ao Onyankopɔn; na wode wɔn a wɔsuro wo din no agyapadeɛ ama me. 6 To ɔhene nkwa nna mu bebree; na ne mfeɛ mfiri awoɔ ntoatoasoɔ nkɔduru awoɔ ntoatoasoɔ. 7 Ma ɔnni ɔhene wɔ Onyankopɔn anim daa. Fa wʼadɔeɛ ne wo nokorɛ bɔ ne ho ban. 8 Afei mɛto ayɛyie dwom ama wo din daa na madi me bɔhyɛ so daa nyinaa. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ Yedutun. |
Asante Twi Nkwa Asɛm™
Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.
Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.
Asante Twi Contemporary Bible™
Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.
Used with permission. All rights reserved worldwide.
Biblica, Inc.