Nnwom 57 - Asante Twi Nkwa AsɛmDwom 57 Dawid dwom a ɔtooɛ ɛberɛ a ɔdwane firii Saulo nkyɛn kɔɔ ɔbodan no mu. 1 Hu me mmɔbɔ, Ao Onyankopɔn, hunu me mmɔbɔ, na wo mu na me kra nya dwanekɔbea. Wo ntaban nwunu ase na mɛpɛ dwanekɔbea kɔsi sɛ amanehunu no bɛtwam. 2 Mesu frɛ Onyankopɔn, Ɔsorosoroni no; Onyankopɔn a ɔma ne pɛ ba mu wɔ me ho. 3 Ɔsoma firi soro hɔ bɛgye me nkwa, ɔka wɔn a wɔtaa me anibereɛ so no anim; Onyankopɔn soma ne dɔ ne ne nokorɛ. 4 Agyata atwa me ho ahyia; meda mmoa a wɔwe ɛnam mono mu, nnipa a wɔn se te sɛ mpea ne mmɛmma na wɔn tɛkrɛma te sɛ akofena a ɛyɛ nnam. 5 Ao Onyankopɔn, woyɛ kɛseɛ wɔ ɔsorosoro hɔ; ma wʼanimuonyam nkata asase nyinaa so. 6 Wɔtrɛɛ asau mu de sum me nan afidie, ahohiahia brɛɛ me ase. Wɔtuu amena wɔ me kwan mu, nanso wɔn ankasa akɔtotɔ mu. 7 Ao Onyankopɔn, mʼakoma agyina pintinn, mʼakoma nhinhim; mɛto dwom na mayi wo ayɛ. 8 Me kra nyane! Sankuo ne bɛnta, monnyane! Me nso mɛnyane anɔpahema. 9 Ao Awurade, mɛyi wo ayɛ wɔ amanaman no mu; mɛto wo ho dwom wɔ nnipa mu. 10 Wo dɔ yɛ kɛseɛ na ɛduru ɔsorosoro; wo nokorɛ kɔka ewiem. 11 Ao Onyankopɔn, woyɛ kɛseɛ wɔ ɔsorosoro hɔ; ma wʼanimuonyam nkata asase nyinaa so. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔto no sɛdeɛ wɔto “Mma Wɔnsɛe No” sankuo nne so. |
Asante Twi Nkwa Asɛm™
Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.
Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.
Asante Twi Contemporary Bible™
Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.
Used with permission. All rights reserved worldwide.
Biblica, Inc.