Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 54 - Asante Twi Nkwa Asɛm


Dwom 54
Dawid “maskil” dwom. Ɔtoo no ɛberɛ a Sififoɔ kɔka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Dawid abɛhinta wɔ yɛn mu.”

1 Ao Onyankopɔn, gye me wɔ wo din mu; fa wo tumi di mʼasɛm ma me.

2 Ao Onyankopɔn, tie me mpaeɛbɔ; tie mʼanom nsɛm.

3 Ahɔhoɔ reto ahyɛ me so. Atirimuɔdenfoɔ repɛ me akum me; nnipa a wɔmmfa Onyankopɔn nyɛ hwee.

4 Ampa ara, Onyankopɔn ne me ɔboafoɔ; Awurade ne me hwɛfoɔ.

5 Ma mmusuo nkyim mmra wɔn a wɔdi me ho nsekuro so; wo nokorɛdie mu, sɛe wɔn.

6 Mɛfiri me pɛ mu abɔ afɔdeɛ ama wo; Ao Awurade, mɛyi wo din ayɛ, ɛfiri sɛ ɛyɛ.

7 Woagye me afiri me haw nyinaa mu, na mʼani ahunu nkonimdie wɔ mʼatamfoɔ so. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔde sankuo na ɛtoeɛ.

Asante Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Asante Twi Contemporary Bible™

Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan