Nnwom 52 - Asante Twi Nkwa AsɛmDwom 52 Dawid “maskil” dwom. Ɔtoeɛ ɛberɛ a Edomni Doeg bɛka kyerɛɛ Saulo sɛ, “Dawid akɔ Ahimelek fie” no. 1 Ɔkɛseɛ, adɛn enti na wohoahoa wo ho wɔ wo bɔne ho? Adɛn enti na wohoahoa wo ho da mu nyinaa, wo a woyɛ animguasedeɛ wɔ Onyankopɔn ani so? 2 Wo tɛkrɛma bɔ ɔsɛeɛ ho pɔ; ɛte sɛ yiwan a ano yɛ tahwetahwe. Wo a wotwa nkontompo nko ara. 3 Wʼani gye bɔne ho sene papa, wopɛ atorɔ sene sɛ wobɛka nokorɛ. 4 Wodɔ asɛm biara a ɛde ɔhaw ba, Ao wo tɛkrɛma daadaafoɔ! 5 Ampa ara, Onyankopɔn de ɔsɛeɛ a ɛnni awieeɛ bɛbrɛ wo; ɔbɛtwe wo afiri wo ntomadan mu na watete wo mu; Ɔbɛtɔre wʼase wɔ ateasefoɔ asase so. 6 Ateneneefoɔ bɛhunu yei na wɔasuro; wɔbɛsere no na wɔaka sɛ, 7 “Hwɛ, onipa no nie deɛ wamfa Onyankopɔn anyɛ nʼabandenden na mmom ɔde ne ho too nʼahonya dodoɔ so na ɔnyaa ahoɔden de sɛee afoforɔ no!” 8 Nanso, mete sɛ ngo dua a ɛrenyini wɔ Onyankopɔn fie: mede me ho to Onyankopɔn dɔ a ɛnsa da no so daa nyinaa. 9 Mɛyi wo ayɛ daa wɔ deɛ woayɛ nti; wo din so na mʼani bɛda, ɛfiri sɛ ɛyɛ. Mɛyi wo ayɛ wɔ wʼahotefoɔ anim. Wɔde ma dwomkyerɛfoɔ. Wɔde “mahalat” sankuo nne na ɛto. |
Asante Twi Nkwa Asɛm™
Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.
Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.
Asante Twi Contemporary Bible™
Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.
Used with permission. All rights reserved worldwide.
Biblica, Inc.