Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 49 - Asante Twi Nkwa Asɛm


Dwom 49
Kora mma dwom.

1 Nnipa nyinaa, montie; monyɛ aso, mo a mowɔ ewiase yi mu nyinaa,

2 deɛ ɔyɛ abomfiaa ne deɛ ɔdi mu, adefoɔ ne ahiafoɔ nyinaa.

3 Mʼano bɛka anyansasɛm; nsɛm a ɛfiri mʼakomam bɛma nhunumu.

4 Mɛbrɛ mʼaso ase atie abɛbusɛm; na menam sankubɔ so bɛte aseɛ ama makyerɛ abɛbusɛm no ase.

5 Adɛn enti na ɛsɛ sɛ mesuro nna bɔne, ɛberɛ a amumuyɛfoɔ adaadaafoɔ atwa me ho ahyia,

6 wɔn a wɔde wɔn ho to wɔn ahonya soɔ na wɔde wɔn adedodoɔ hoahoa wɔn ho?

7 Onipa biara rentumi nnye nʼankasa nkwa na ɔrentumi mfa mpata biara mma Onyankopɔn.

8 Nkwa ho mpata boɔ yɛ den, sika biara rentumi ntɔ,

9 sɛ ɛbɛma no atena ase afebɔɔ a ɔrenhunu porɔeɛ.

10 Obiara nim pefee sɛ anyansafoɔ wu; saa ara na nkwaseafoɔ ne agyimifoɔ nso wuo na wɔgya wɔn ahonya hɔ ma afoforɔ.

11 Wɔn adamena bɛyɛ wɔn afie afebɔɔ. Ɛhɔ na wɔbɛtena awoɔ ntoatoasoɔ kɔsi ɛberɛ a ɛnni awieeɛ mu, wɔn din a wɔde totoo nsase so nyinaa akyi.

12 Na onipa ahonya nyinaa akyi no, ɔrentena hɔ daa; ɔte sɛ mmoa a wɔwuo no ara.

13 Yei ne deɛ ɛda hɔ ma wɔn a wɔgye wɔn ho die, ne wɔn akyidifoɔ a wɔfoa wɔn nsɛm soɔ.

14 Wɔte sɛ nnwan na wɔbɛkɔ damena mu, na owuo de wɔn bɛyɛ nʼaduane. Teneneefoɔ bɛdi wɔn so anɔpa; wɔn onipadua bɛporɔ wɔ damena mu, na wɔne wɔn adan akɛseɛ no ntam kwan bɛware.

15 Nanso, Onyankopɔn de ne tumi bɛgye me afiri damena mu; ampa ara, ɔde me bɛkɔ ne nkyɛn.

16 Sɛ onipa nya ne ho a, mma ɛnha wo; na sɛ ne fie anigyeɛ yɛ bebree a, mma no nha wo;

17 ɛfiri sɛ, sɛ ɔwu a, ɔremfa hwee nkɔ, nʼanimuonyam ne no renkɔ amena mu.

18 Mpo ɔte ase no, ɔfaa no sɛ wɔahyira no, ɛfiri sɛ wɔkamfo nnipa ɛberɛ a wɔdi yie,

19 nanso ɔbɛkɔ akɔka nʼagyanom ho, wɔn a wɔrenhunu nkwa hann ara da no.

20 Onipa a ɔwɔ ahonya na ɔnni nhunumu no, ɔte sɛ aboa a ɔwuo.

Asante Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Asante Twi Contemporary Bible™

Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan