Biblia Todo Logo
Bìoball air-loidhne

- Sanasan -

Nnwom 47 - Asante Twi Nkwa Asɛm


Dwom 47
Kora mma dwom.

1 Amanaman nyinaa, mommɔ mo nsam; momfa anigyeɛ nteam mfrɛ Onyankopɔn.

2 Awurade Ɔsorosoroni no ho yɛ nwanwa, Ɔyɛ Ɔhene kɛseɛ wɔ asase nyinaa so!

3 Ɔde amanaman hyɛɛ yɛn ase, na ɔde nnipa hyɛɛ yɛn nan ase.

4 Ɔyii yɛn agyapadeɛ maa yɛn, deɛ ɛyɛ Yakob a ɔdɔ noɔ no ahohoahoadeɛ.

5 Onyankopɔn aforo kɔ soro wɔ anigyeɛ nteateam mu. Awurade wɔ totorobɛnto nnyegyeeɛ mu.

6 To ayɛyie nnwom ma Onyankopɔn, to ayɛyie nnwom; to ayɛyie nnwom ma yɛn Ɔhene, to ayɛyie nnwom.

7 Ɛfiri sɛ Onyankopɔn yɛ asase nyinaa so Ɔhene. Monto ahurisie nnwom mma no.

8 Onyankopɔn di ɔhene wɔ amanaman no so Onyankopɔn te nʼahennwa kronkron so.

9 Amanaman no mu akunini boaboa wɔn ho ano sɛ Abraham Onyankopɔn nkurɔfoɔ, ɛfiri sɛ asase so ahemfo yɛ Onyankopɔn dea; na wɔma no so yɛ no kɛseɛ.

Asante Twi Nkwa Asɛm™

Owurayɛ Tumi © 1996, 2020. Biblica, Inc. na wɔde ma.

Biblica, Inc. nko ara na wɔma ɛkwan ma wɔde Owurayɛ Tumi no di dwuma wɔ wiase afanan nyinaa.

Asante Twi Contemporary Bible™

Copyright © 1996, 2020 by Biblica, Inc.

Used with permission. All rights reserved worldwide.

Biblica, Inc.
Lean sinn:



Sanasan